19 Bio, nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, ho mu mmienu yɛ anokorɔ adeɛ biaa a hobebisa no asaase yi so a, m’Agya a ɔya soro he bɛyɔ ama ho.
Hommisa, na bɛde bɛma ho; honhwehwɛ, na hobehu; hommom, na bebebie pono he ama ho.
Nti meeka akyerɛ ho, nea hobebisa no mpaebɔ mu biaa, honnye nni sɛ hoanya na ɔbɛyɛ ho deɛ.”
Saa da he, hommmisa me asɛm biaa. Nɔkwasɛm paa ne meeka akyerɛ ho sɛ, hobisa bibiaa firi Agya he hɔ ya me dini mu a, ɔde bɛma ho.
Nɔkwasɛm ne sɛ, m’ani bɛkɔ so agye, efiri sɛ, menim sɛ ɔnam ho mpaebɔ ne Yesu Kristo Honhom mmoa so ne yei bɛyɛ me gyeɛ.
Bibiaa a hode gyidie bɛsrɛ mpaebɔ mu he, ho nsa bɛka.”
Sɛ hotena me mu na me nsɛm tena ho mu a, hommisa bibiaa a hopɛ na ɔbɛyɛ hɔ ama ho.
Bibiaa a yebisa no he, yɛ nsa ka efiri sɛ, yedi ne mmara so na yɛyɔ nea ɔsɔ n’ani.
Berɛ a Petro da afiase he, asafo he bɔɔ mpaeɛ aniberɛ so kyerɛɛ Nyankopɔn maa no.
Ɔnyɛ ho na hoayi me, na mmom mene maayi ho. Na maayi ho sɛ honkɔso aba, na hoaba he atena hɔ, sɛ ɔbɛyɛ a nea hobebisa Agya he me dini mu biaa ɔde bɛma ho.
Na bɛ nyinaa bɛde akoma korɔ tuu bɛ ho sii hɔ maa mpaebɔ, a na mmaa a bɛne Yesu nanteeɛ he ne Yesu maame Maria ne Yesu nuanom nso ka ho.
nea odi kane a ɔsɛ sɛ woyɔ ne sɛ, gya w’afɔrebɔdeɛ he afɔrebokyia he so na wo ne no nkobom, na ɔno akyi he woasane aba abɛbɔ w’afɔdeɛ.
na yɛ nso yebetu yɛ ho asi hɔ ama mpaebɔ ne asɛm he nkyerɛkyerɛ.”
Na onyaa anisoadehunu heaa pɛ ne yesiim sɛ yɛɛkɔ Makedonia efiri sɛ yehuu sɛ Nyankopɔn ne wafrɛ yɛ sɛ yɛnkɔka asɛmpa he nkyerɛ bɛ.