Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 17:3 - Apam Foforɔ

3 Na hwɛ, Mose ne Elia yii bɛ ho adi, na bɛ ne no kasaeɛ.

Gade chapit la Kopi




Mateo 17:3
22 Referans Kwoze  

Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ ho berɛ a na meda so ka ho ho he, sɛ otwa sɛ nea bɛatwerɛ afa me ho ya Mose mmara ne Adiyifoɔ he ne Nnwom he mu nyinaa ba mu.”


Na Elia ne Mose yii bɛ ho adi kyerɛɛ bɛ, na bɛ ne Yesu ɔɔkasa.


Na ɔde firi Mose ne Adiyifoɔ he nyinaa so kyerɛkyerɛɛ bɛ nsɛm a ɔfa ne ho a ɔya Twerɛsɛm he nyinaa mu.


“Mmara he ne adiyifoɔ he tenaa hɔ besii Yohane so; efiri hɔ he, bɛpae mu ka Nyankopɔn ahennie he ho asɛmpa, na nipa biaa bɔ mmɔdene sɛ obewura mu.


Na berɛ a yeinom oogya ne hɔ akɔ he, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, ɔyɛ sɛ yɛya ha, nti ma yensi apata mmeɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, Elia nso deɛ baako,” na ɔno deɛ na onnim nea ɔɔka.


Na ɔde Elia honhom ne tumi bedi Awurade anim na wadane agyanom akoma aba bɛ mma so asoɔdenfoɔ akɔ teneneefoɔ adwene ho, na wasiesie mane he ama Awurade.”


Mmara he deɛ, bɛnam Mose so ne de maeɛ, na adom ne nɔkorɛ he deɛ nam Yesu Kristo so ne baeɛ.


Na ɔsakraa bɛ ani so, na n’anim hyerɛnn te sɛ awia, na ne ntaadeɛ yɛɛ fitafita te sɛ hann.


Na Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, ɔyɛ sɛ yɛya ha; sɛ wopɛ a, mɛbɔ apata mmeɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, na Elia so deɛ baako.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite