Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 17:2 - Apam Foforɔ

2 Na ɔsakraa bɛ ani so, na n’anim hyerɛnn te sɛ awia, na ne ntaadeɛ yɛɛ fitafita te sɛ hann.

Gade chapit la Kopi




Mateo 17:2
17 Referans Kwoze  

Na ne ho te sɛ anyinam, na n’ataadeɛ yɛ fitaa sɛ asukɔtwea.


Na ogu so ɔɔbɔ mpaeɛ he, n’anim tebea sakraeɛ na n’ataadeɛ yɛɛ fitaa hyerɛnhyerɛn.


Afei mehuu bɔfoɔ tumfoɔ bi a ofiri soro oosiane ba fam. Na ɔhyɛ mununkum mu a nyankontɔno bɔ ne ti. Na n’anim te sɛ awia, na ne nane te sɛ gya fadum.


Afei mehuu ahennwa kɛseɛ fitaa bi ne nea ɔte ahennwa he so a asaase ne soro dwane firii n’anim, na bɛanya baabiaa amma bɛ.


Na Asɛm he bɛyɛɛ honam bɛtenaa yɛ mu, na yɛahu n’animuonyam sɛ Agya he Ba a ɔwoo no koro maa yɛ, adom ne nɔkorɛ ahyɛ no ma.


na ne ntaadeɛ hyerɛnn fitafita sene deɛ asaase so ntomasifoɔ biaa betumi ama no ayɛ.


Na homfa wiase nhyehyɛeɛ yi so, na mmom honsakra ho adwene na honyɛ foforɔ, na hoasɛ ahwɛ ahu nea Nyankopɔn pɛ a ɔyɛ na ɔsɔ ani na odi mu.


Agya mepɛ sɛ bɛ a wode bɛ ama me he ba baabi a meya he. Bɛmmɛka me ho na benhu m’animuonyam a wode ama me he, efiri sɛ wodɔɔ me ansa na wohyɛɛ wiase fapem ase.


Nnansia akyi he, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane kaa ne ho kɔɔ bepɔ tentene bi so.


Na hwɛ, Mose ne Elia yii bɛ ho adi, na bɛ ne no kasaeɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite