Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 16:18 - Apam Foforɔ

18 Na meeka akyerɛ wo, wo ne Petro, na botane yi so ne mesi m’asafo, na Asamando pono ontumi mmu mmfa so da.

Gade chapit la Kopi




Mateo 16:18
42 Referans Kwoze  

Kristo yɛ ne nipadua he (meekyerɛ asafo he) ti; ɔno ne mfitiaseɛ, awufoɔ sɔreeɛ mu farebae, na ama no abɛyɛ adeɛ nyinaa mu kannifoɔ.


Ɔde Simon baa Yesu nkyɛne, na Yesu hwɛɛ no kaa sɛ, “Wone Simon, Yohane ba. Bɛbɛfrɛ wo Kefa” (asekyerɛ ne Petro).


Nti esiane sɛ yɛanya ahennie a ɔnwoso yi, homma yɛmfa aseda mmra mfa so nsom Nyankopɔn sɛdeɛ ɔsɔ n’ani anidie ne ahodasoɔ mu,


yi Nyankopɔn ayɛ. Na benyaa nnipa he nyinaa anim adom. Na Awurade de bɛ a ɔgyee bɛ he kaa asafo he ho da biaa.


sɛ bibi ma mekyɛre a, woahu sɛdeɛ ɔsɛ sɛ bi bɔ ne bra Nyankopɔn fie a ɔyɛ Nyankopɔn teasefoɔ he asafo, nɔkorɛ dum ne nyinasoɔ he mu.


Yei yɛ ahintasɛm kɛseɛ a mede ɔɔtoto Kristo ne asafo he ho.


sɛdeɛ ɔbɛyɛ a ɔnam asafo he so bɛda Nyankopɔn nyansa ahodoɔ bebree he adi akyerɛ mpanyinnie ne tumidie a bɛya soro,


Besii kuro he afasuo sii aboɔ dummienu a bɛatwerɛ Dwammaa he asomafoɔ dummienu he dini ya so he so.


Saulo nso penee kuu a na beeku Stefano he so. Saa da he taa kɛseɛ bi baa asafo a ɔya Yerusalem he so; na bɛ nyinaa bɔ hwetee Yudea ne Samaria nyinaa.


na sɛ bi nnim sɛdeɛ ɔbɛhwɛ ɔnoaa ne fie so a, ɔbɛyɛ dɛ na wahwɛ Nyankopɔn asafo so?


na berɛ a Yakobo ne Kefa ne Yohane a bebu bɛ sɛ asafo he akannifoɔ he huu adom a manya he, bɛde bɛ nsa nifa too me ne Barnaba nsam kyerɛɛ ayɔnkofa a ɔda yɛ ntam, na bɛpenee so sɛ yɛnkɔ Amanamane mufoɔ bɛ mu na bɛ nso bɛnkɔ twetiatwafoɔ he mu.


Sɛ saa nipa he anntie bɛ a, ka kyerɛ asafo he; na sɛ saa nipa he antie asafo he nso a, fa no sɛ bi a ɔnnyɛ gyidini, na mmom togyeni.


Na wo Kapernaum nso, bɛbɛpegya wo akɔ soro anaa? Daabi da, bɛde wo bɛkɔ asamando. Efiri sɛ, bɛyɔɔ tumideɛ a bɛayɔ no wo mu he Sodom a, nka Sodom kuro he ya hɔ de besi nnɛ.


Asomafoɔ dummienu he bɛ dini di: deɛ odi kane ne, Simon a bɛsane frɛ no Petro; bɛ a ne bɛka ho ne ɔnoaa ne nua Andrea; Sebedeo ba Yakobo, ɔne ne nua Yohane;


Afei bɔfoɔ a ɔto so nson he hyɛne ne totorobɛnto he, na nne dendene bi firi soro kaa sɛ, “Wiase ahennie ayɛ yɛ Awurade ne ne Kristo he dea, na obedi hene daa daa.”


Oo! Wuo, wo nkunim ya he? Oo! Wo nwowɔeɛ ya he?


Na Yesu nam Galilea po ho he, ohuu anuanom mmienu, Simon, a bɛfrɛ no Petro, ɔne ne nua Andrea, sɛ beegu asau po he mu—efiri sɛ na bɛyɛ apofofoɔ.


“Nipa biaa a otie me nsɛm yi na ɔyɔ bɛyɛ sɛ nyansani a osii ne dane abotane so.


Honhwɛ ho ho so yie, na honhwɛ nnipa a Honhom Kronkron he de ho ayɛ bɛ so nhwɛsofoɔ he, na honhwɛ Nyankopɔn asafo a ɔde ɔnoaa ne Ba mogyaa atɔ he so.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite