Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 16:16 - Apam Foforɔ

16 Simon Petro buaa sɛ, “Wone Kristo he, Nyankopɔn teasefoɔ he Ba.”

Gade chapit la Kopi




Mateo 16:16
38 Referans Kwoze  

Na bɛ a bɛ ya kodoɔ he mu he koto sɔree Yesu, kaa sɛ, “Ampa, wo ne Nyankopɔn Ba he.”


Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛɛ, Awurade, megye di sɛ wo ne Kristo, Nyankopɔn Ba a ɔɔba wiase mu he.”


Biaa a ɔpae mu ka sɛ Yesu yɛ Nyankopɔn Ba he Nyankopɔn te ne mu, na ɔno nso te Nyankopɔn mu.


Na asraafoɔ ha so panyini ne bɛ a bɛka ne ho ɔɔwɛne Yesu he huu asaasewosoɔ ne nnoɔma a ɔsisiiɛ he, besuroo pii, kaa sɛ, “Ampa, Nyankopɔn Ba di!”


Yei nti ne yɛyere yɛ ho na yɛpre, na yɛ anidasoɔ ne Nyankopɔn teasefoɔ a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titire bɛ a bɛgye di he Agyenkwa.


Na ntɛmaa ofirii aseɛ hyia adane mu kaa Yesu ho asɛm sɛ “Yesu ne Nyankopɔn Ba he.”


efiri sɛ, mantam he mufoɔ kaa gye a hogyee yɛ baa ho nkyɛne, ɔne sɛnea hodane firii abosonsom mu baa Nyankopɔn nkyɛne, bɛsomm nɔkorɛ Nyankopɔn a ɔte ase,


Nso Yesu yɔɔ komm. Afei sɔfo panyini he ka kyerɛɛ no sɛ, “Meka Nyankopɔn teasefoɔ he ntam gu wo so sɛ, sɛ wo ne Kristo, Nyankopɔn Ba he a, ka kyerɛ yɛ!”


Hwane ne betumi adi wiase so nkunim ka dea ɔgye di sɛ Yesu yɛ Nyankopɔn Ba he ho?


Nti ohu ma bi sɛ ɔbɛtɔ Nyankopɔn teasefoɔ he abufuom.


na bɛde tumi ayi no adi akyerɛ sɛ ɔyɛ Nyankopɔn Ba a ɔnam honhom ahoteɛ kronkron so awufoɔ sɔreeɛ mu; ɔno ne Yesu Kristo, yɛ Awurade.


Nso ɔyɛɛ komm na wammua. Bio, sɔfo panyini he bisaa no sɛ, “Wone Kristo he, Nhyira Wura Ba he anaa?”


Nso bɛatwerɛ yei ato hɔ na ama hoagye adi sɛ Yesu ne Kristo he, Nyankopɔn Ba, na hogye di a, hoanya nkwa ne dini mu.


Natanael kaa sɛ, “Ampa, Rabuni, wone Nyankopɔn Ba he! Wone Israelfoɔ Hene he!”


Na mmom, ho deɛ hoaba Sion Bepɔ so ne Nyankopɔn teasefoɔ he kuro, soro Yerusalem, ne abɔfoɔ bebree nhyiamu,


sɛ bibi ma mekyɛre a, woahu sɛdeɛ ɔsɛ sɛ bi bɔ ne bra Nyankopɔn fie a ɔyɛ Nyankopɔn teasefoɔ he asafo, nɔkorɛ dum ne nyinasoɔ he mu.


Na yenim sɛ Nyankopɔn Ba he aba, na waama yɛ nteaseɛ ama yɛahu Nyankopɔn trodoo he. Yɛ abrabɔ ya Nyankopɔn trodoo he ne ne Ba Yesu Kristo he mu. Yei ne Nyankopɔn trodoo he ne nkwa a onni awieeɛ he.


Mmɛ ne abosom wɔ yɔ ne Nyankopɔn asɔrefie? Na yɛyɛ Nyankopɔn Teasefoɔ he asɔredane; sɛnea Nyankopɔn kaeɛ he, Mɛtena bɛ mu na mɛnante bɛ mu, na mɛyɛ bɛ Nyankopɔn, na bɛbɛyɛ me nkurofoɔ.


na hoda no adi sɛ, hoyɛ Kristo krataa a bɛnam yɛ so atwerɛ, krataa a bɛamfa adubire na mmom Nyankopɔn honhom ne bɛde atwerɛ, ɔnyɛ aboɔ pono so na mmom nnipa akoma pono so.


“Anuanom, ɛɛne nti ne ho ɔɔyɔ yei? Yɛ nso yɛyɛ nnipa sɛ hoaa, na yɛka asɛmpa kyerɛ ho sɛ honnane mfiri ahuhudeɛ yi ho nkɔ Nyankopɔn a ɔte ase he nkyɛne; ɔno ne bɔɔ soro ne asaase ne po ne deɛ ɔya mu nyinaa.


Na sɔhwɛfoɔ he ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo ne Nyankopɔn ba he a, hyɛ ma aboɔ yi nnane paanoo.”


Na bɛnam kwane so ɔɔkɔ he, beduruu nsuo bi ho. Na Etiopiani he kaa sɛ, “Hwɛ, nsuo di! Ɛɛne ne si me asubɔ ho kwane?” [


Na yɛagye adi, na yɛahu sɛ wone Kronkronni a wofiri Nyankopɔn hɔ he.”


na Yakob woo Yosef, Maria kunu he. Saa Maria yi ne woo Yesu a bɛfrɛ no Kristo he.


Obisaa bɛ sɛ, “Ho nso hodɛ me ne hwane?”


efiri sɛ bɛawo Agyenkwa a ɔne Awurade Kristo he ama ho nnɛ Dawid kurom.


Sɛnea Agya a ɔte ase he somaa me he, na Agya he nti mete ase he, saa ara nso ne nea odi me honam he, me nti ɔbɛtena ase.


Simon Petro buaa sɛ, “Awurade, hwane nkyɛne ne yɛbɛkɔ? Wo nkoaa ne wowɔ daa nkwa nsɛm.


Na Nyankopɔn ba he, Yesu Kristo a me ne Silwano ne Timoteo ka n’asɛm he, wanyɛ ano ntanta bibiaa ho, efiri sɛ ɔyɛ nɔkwafoɔ.


Anuanom, honhwɛ yie, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bɔne ne annyeannie akoma ɔntwe ho mfiri teasefoɔ Nyankopɔn he nkyɛne.


ɔbɛyɛ dɛ ne Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ, a ho nni dɛm maa Nyankopɔn he mogyaa ontumi nte ho ahonim ho mfiri nnwuma funu nyinaa mu ma ho nkɔsom Nyankopɔn a ɔte ase he?


Na mehuu bɔfoɔ foforɔ a ofiri awia apieɛ ɔɔba a okita Nyankopɔn teasefoɔ he nsɔano. Ɔteaam frɛɛ abɔfoɔ nnan he a na Nyankopɔn ama bɛ tumi sɛ bɛnsɛe asaase ne po he.


Na Filipo kaa sɛ, “Sɛ wode w’akoma nyinaa gye di a adeɛ biaa nsi wo kwane.” Na Etiopiani he kaa sɛ, “Megye di sɛ Yesu Kristo yɛ Nyankopɔn Ba.”]


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite