Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 15:36 - Apam Foforɔ

36 na afei ɔfaa paanoo nson ne nkyenam he; na ɔdaa ase wieeɛ he, obubuu mu mmaa asuafoɔ he, na asuafoɔ he nso de maa nnipadɔm he.

Gade chapit la Kopi




Mateo 15:36
14 Referans Kwoze  

Bɛ a bebu da bi he, bɛde hyɛ Awurade animuonyam. Na bɛ a bedi he nso, bedi hyɛ Awurade animuonyam, esiane sɛ bɛda Nyankopɔn ase; bɛ a benni he nso, di a benni he bɛde hyɛ Awurade animuonyam, na bɛda Nyankopɔn ase.


Afei nso, ɔfaa paanoo daa ase, bubuu mu de maa bɛ kaa sɛ, “Yei ne me honam a bɛde bɛma, esiane ho nti. Honyɔ yei mfa nkae me.”


Paulo kasa wieeɛ he, ɔfaa paanoo bɔɔ mpaeɛ, daa Nyankopɔn ase bɛ nyinaa bɛ anim, na obuu bi diiɛ.


Na Yesu faa paanoo ne nkyenam he, na ɔdaa ase he, ɔkyɛ maa bɛ a bɛtete hɔ he; saa nso ne ɔmaa bɛ nkyenam he dodoɔ a biaa hia.


Nti sɛ hodidi oo, honom oo, hoyɛ bibiaa oo, honyɔ ne nyinaa nhyɛ Nyankopɔn animuonyam.


Na afei akodoɔ firi Tiberia baa baabi a Awurade daa ase, na bedii paanoo he.


Na ɔne bɛ te adidiiɛ he ɔfaa paanoo hyiraa so bubuiɛ, na ofirii aseɛ de maa bɛ.


Na afei ɔfaa kuruwa daa ase kaa sɛ, “Honye yei na honkyɛ nom;


Afei ɔhyɛɛ nnipadɔm he sɛ bɛntenatena serɛ he so. Ɔfaa paanoo nnum ne nkyenam mmienu he, ɔhwɛɛ soro, hyiraa so bubuu paanoo he, na ɔde maa asuafoɔ he, na asuafoɔ he de maa nkurofoɔ he.


Na ɔhyɛɛ nkurofokuo he ma bɛtenaa ase,


Sɛ anyɛ saa a, wode honhom hyira a, ɔbɛyɛ dɛ na deɛ ɔnte aseɛ he agye w’aseda he so sɛ “Amen”, bere a onnim deɛ wooka?


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite