26 Na Yesu buaa sɛ, “Ɔnyɛ fɛ sɛ bɛfa mma aduane to ma nkramane mma.”
Hommfa ade kronkron mma nkramane; na honnto ho nhwene pa ngu mma mprako, na bɛamfa bɛ nane antiatia so na bɛannane amma ho so ammɛseɛ ho.
Honhwɛ ho ho yie nnipa a bɛte sɛ nkramane he ho, honhwɛ yie adwumayɔfoɔ bɔne he ho, honhwɛ yie twetiatwafoɔ he ho!
honkae sɛ saa mmerɛ he na honnim Kristo, na hoyɛ amanfrafoɔ na honnyɛ Israel mane mma, na hoyɛ ahɔhoɔ apam he bɔhyɛ he ho, na honni anidasoɔ biaa, afei nso na honnim Nyankopɔn ho wiase abrabɔ mu.
Yɛ ankasa yefiri yɛ awusuo mu yɛ Yudafoɔ, na yɛnyɛ Amanamane mufoɔ nnebɔnyɛfoɔ;
Na kuro he akyi ne nkramane ne adutofoɔ ne adwamanfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne bɛ a bɛpɛ torɔ na bedi he nyinaa ya.
Bɛyɛ Israelfoɔ, na bɛ ne abayɛ, animuonyam, apam, ne mmara he som he, ɔne bɔhyɛ he nyinaa yɛ bɛ dea;
Nso baa he bebuu nkotodwe n’anim kaa sɛ, “Awurade, boa me.”
Na baa he kaa sɛ, “Awurade, ɔte saa deɛ, nso nkramane mma he di mporoporowa a ofiri bɛ wura pono so gu fam he.”