Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 15:14 - Apam Foforɔ

14 Honnyae bɛ; bɛyɛ anifirafoɔ a bɛkyerɛ anifirafoɔ kwane. Sɛ nifirani kyerɛ nifirani kwane a, bɛ mmienu he nyinaa bɛtɔ amena mu.”

Gade chapit la Kopi




Mateo 15:14
19 Referans Kwoze  

Afei nso ɔmaa bɛ mfantoho bi sɛ. “Nti nifirani betumi akyerɛ nifirani kwane? Sɛ ɔba saa a bɛ mmienu nyinaa bɛnkɔtɔ amena mu anaa?


Nso, atorɔ adiyifoɔ sɔree bɛ mu, sɛdeɛ akyerɛkyerɛfoɔ atorɔfoɔ bɛsɔre ho nso ho mu, awiawia bɛ ho abɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ bɔne a nɔkorɛ nni mu, na bɛapo owura he a ɔgyee bɛ he sɛ bɛ Awurade, na ɔnam so ama sɛeɛ aba bɛ so prɛko pɛ he.


Na kuro he akyi ne nkramane ne adutofoɔ ne adwamanfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne bɛ a bɛpɛ torɔ na bedi he nyinaa ya.


Bɛkyee aboa he ne ne diyifoɔ torɔfoɔ a ɔyɔɔ anwanwadeɛ n’anim he de no too afiase. Saa anwanwadeɛ he so ne ɔnam daadaa bɛ a bɛde aboa he ahyɛ bɛ agyinaeɛ ne bɛ a bɛsom aboa he honyini he. Bɛtoo aboa he ne diyifoɔ torɔfoɔ he anikann guu gya tadeɛ a sɔfe ɔɔdɛre mu he mu.


Yeinom yɛ mmura a nsuo nni mu, bosuo a mframa bɔ huu de kɔ, bɛne bɛde sum kabii asie bɛ.


ne ntɔkwapɛ ba bɛ a porɔeɛ asɛe bɛ adwene a nɔkorɛ asapare bɛ na bɛdwene sɛ nyamesom pa yɛ adeɛ a bɛde pɛ mfasoɔ he mu.


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Atemmuo nti ne mebaa wiase, na bɛ a benhu adeɛ he ahu adeɛ, na bɛ a behu adeɛ he bɛadane anifirafoɔ.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite