11 nyɛ deɛ ɔkɔ nipa anum ne gu nipa ho fi, na mmom deɛ ofiri anum ba ne gu nipa ho fi.”
Adeɛ biaa nni hɔ a ɔkɔ nipa mu a otumi gu ne ho fi; ɔyɛ deɛ ofiri nipa mu ba mmom ne tumi gu ne ho fi.”
efiri sɛ Nyankopɔn ahennie he mfa adidie ne nom ho, na mmom ne nyinasoɔ ne tenenee ne asomdwie ne Honhom Kronkron mu anigyeɛ.
Aduane nti, honnsɛe Nyankopɔn adwuma. Adeɛ nyinaa ho te deɛ, nso ɔnnyɛ sɛ aduane a wodi nti woma bi hwe ase;
Hommma nkyerɛkyerɛ ahodoɔ ne nsɛm foforɔ mmfa ho nkyinkyini, na ɔyɛ sɛ bɛ de adom hyɛ akoma dene, na ɔnyɛ nnuane a bɛ a bediiɛ he nni ho mfasoɔ biaa.
Menim na megye di Awurade Yesu mu sɛ bibi biaa nni hɔ a honnte ankasa; nso honnte mma nea ɔdwene sɛ honnte.
Na bɛkeka akokurokosɛm a mfasoɔ biaa nni so, na bɛnam honam akɔnnɔ ne ahohwie so to bɛ a afei ne bɛatete bɛ ho afiri nnebɔnyɛfoɔ ho he mmradɛ.
Nipa ɔtene he nnoɔma nyinaa ho te ma no, nso deɛ ɔntene na ɔnnye nni he deɛ, bibiaa ho nte mma no na mmom n’adwene ne n’ahonim nyinaa ho agu fi.
Na ɔfrɛɛ nkurofokuo he baa ne nkyɛne na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hontie na ho nteaseɛ:
Na asuafoɔ he baa ne nkyɛne bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wonim sɛ Farisifoɔ he tee deɛ wokaeɛ yi ato bɛ sintidua?”
besi awadeɛ ho kwane ka sɛ, nnipa ntua bɛ ho nnuane a Nyankopɔn bɔɔ sɛ agyidifoɔ ne bɛ a bɛahu nɔkorɛ mfa aseda nni bi he;