25 Na ahemakye nnɔn mmeɛnsa ɔɔkɔ he, Yesu nantee po he so hyiaa bɛ.
Afei berɛ a bɛharee bɛyɛ nkwansini nnan he, behuu sɛ Yesu nam po he so ɔɔba kodoɔ he ho, na besuroeɛ.
Na ohuu sɛ mframa dendene ɔɔbɔ hyia bɛ na ama hare ayɛ dene ama bɛ he, ɔbaa bɛnkyɛne anɔpa tutuutu, na ɔɔnante po he so. Ɔyɔɔ n’adwene sɛ ɔbetwam bɛ ho.
Honte aseɛ: Sɛ nka fiewura nim berɛ pɔtee dasuom a korɔmfoɔ bɛba a, nka ɔbɛnwɛne, na korɔmfoɔ annya kwane ammebu ne dane anwura mu.
Na sɛ ɔba anadwo dasuom anaa nhemadeakyeɛ na ɔbɛto bɛ saa a, nhyira ne bɛ!
Hɔaa, bɔfoɔ a mehuu sɛ ogyina hɔ a ne nane baako si po so na baako nso si asaase so he maa ne nsa nifa so kɔɔ soro,
Na nwoma ketewa bi kita no a wabie mu. Ɔde ne nane nifa sii po so a na benkum he nso si asaase so.
Afei nne a metee sɛ ofiri soro he kasa kyerɛɛ me bio sɛ, “Kɔ na kɔgye nwoma a bɛabie mu a okita bɔfoɔ a ogyina po ne asaase so he.”
Nti homma ho ani nna hɔ, efiri sɛ honnim berɛ a fiewura he bɛba, sɛ ɔbɛba anwummerɛ oo, dasuom oo, dasuom akokɔbɔmmereɛ oo, anaa ahemakye oo, honnim.