21 Sɛ yɛde mmaa ne mmɔfra si nkyɛne a, bɛ a bɛdiiɛ he bɛyɛ mmeema mpemnum.
Na me Nyankopɔn de ho ahiadeɛ nyinaa bɛma ho sɛdeɛ n’ahonya teɛ, animuonyam mu, Kristo Yesu mu.
Na bɛ a bɛtee asɛm a Petro ne Yohane kaeɛ he mu bebree gye diiɛ, na bɛ dodoɔ bɛyɛ mpemnum.
Bɛ mu biaa nni hɔ a na bibi hia no, efiri sɛ na bɛ a bɛwɔ nsaase anaa afie he nyinaa tɔno de nea benya he ba
Na Yesu kaa sɛ, “Homma nnipa he ntenatena ase!” Nso na serɛ pii ya hɔ. Nti mmeema a bɛ dodoɔ bɛyɛ mpem num tenatenaa ase.
Na biaa diiɛ na bɛmeeɛ; na bɛsesaa aseɛ mporoporowa nkɛntɛmma dummienu.
Amonom hɔaa Yesu maa asuafoɔ he kɔɔ kodoɔ he mu sɛ bentwa nni n’anim kane nkɔ asuogya nohoa, na onnya nnipadɔm he kwane.
Nnipa a bedii paanoo he na bɛ dodoɔ yɛ mmeema mpem num.