19 Afei ɔhyɛɛ nnipadɔm he sɛ bɛntenatena serɛ he so. Ɔfaa paanoo nnum ne nkyenam mmienu he, ɔhwɛɛ soro, hyiraa so bubuu paanoo he, na ɔde maa asuafoɔ he, na asuafoɔ he de maa nkurofoɔ he.
Na ɔfaa paanoo num ne nkyenam mmienu he, ɔhwɛɛ soro, na ohyiraa so wieeɛ he obubuu paanoo he mu de maa n’asuafoɔ he sɛ bɛmfa mma nkurofoɔ he, na ɔkyɛɛ nkyenam mmienu he maa bɛ nyinaa.
Bɛ a bebu da bi he, bɛde hyɛ Awurade animuonyam. Na bɛ a bedi he nso, bedi hyɛ Awurade animuonyam, esiane sɛ bɛda Nyankopɔn ase; bɛ a benni he nso, di a benni he bɛde hyɛ Awurade animuonyam, na bɛda Nyankopɔn ase.
Nhyira kuruwaa a yehyira so he, ɔnyɛ ayɔnkoyɛ a yenya firi Kristo mogyaa he mu anaa? Na paanoo a yebubu he nso, ɔnyɛ ayɔnkoyɛ a yenya firi Kristo nipadua he mu anaa?