Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 13:47 - Apam Foforɔ

47 “Bio, soro ahennie te sɛ asau a bɛde guu po mu na benyaa nam ahodoɔ bebree;

Gade chapit la Kopi




Mateo 13:47
33 Referans Kwoze  

Sɛ bi antena me mu a, betwa no twene sɛ mmabaa a mfasoɔ nni so; na bɛboaboa ano de kogu gya mu ma ɔhye.


“Twerɛ krataa kɔma Sardi asafo he mu bɔfoɔ sɛ: “Yei ne nsɛm a ofiri nea ɔwɔ Nyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson he nkyɛne. “Menim wo nnwuma; wowɔ dini sɛ wote ase deɛ, nso woawu.


Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honni m’akyi na mɛma hoayɛ nnipayifoɔ.”


Nso ɔnam sɛ na anuanom atorɔfoɔ bi awiawia bɛ ho aba yɛ mu sɛ bɛbɛtetɛ yɛ ahwɛ ahofadie a yɛwɔ no Kristo Yesu mu, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛde yɛ bɛkɔ Mmara nkoasom mu nti


Akwantuo pii mu, asubɔntene so asiane mu, adwotwafoɔ asiane mu, amannifoɔ mu asiane mu, amanamane mu asiane mu, kuro mu asiane mu, serɛ so asiane mu, po so asiane mu, anuanom atorɔfoɔ mu asiane mu;


Hoaa ho mu mmeema bɛsɔre akasa adane nɔkorɛ he de atwe asafo he adi bɛ akyi.


na Sebedeo mma Yakobo ne Yohane, a bɛyɛ Simon yɔnko adwumayɔfoɔ he nso ho dwirii bɛ. Nso Yesu ka kyerɛɛ Simon sɛ, “Nsuro, efiri saa berɛ yi ɔɔkɔ yi, wobeyi nnipa.”


Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honni m’akyi, na mɛma hoayɛ nnipa yifoɔ.”


Ɔkame ayɛ sɛ, ɔsɛ sɛ nkyekyemu ba ho mu, na ama bɛ a bɛyɛ agyidifoɔ mapa he ada adi ho mu.


Mmane biaa ɔnso aba he, oyi firi ho; na nea ɔsõ aba he oyiyi ho ma ne so bebree.


“Soro ahennie he te sɛ agyapadeɛ a bɛde asie asaase bi so, na bi huiɛ na ɔkata so; na ɔde ho anigyeɛ kɔtɔnoo deɛ ɔwɔ nyinaa kɔtɔɔ asaase he.


na okohuu deɛ ne boɔ ɔdene paa he, ɔkɔtɔnoo deɛ ɔwɔ nyinaa de kɔtɔeɛ.


ɔyɛɛ ma he, bɛtwe baa kokoɔ so, tenaa ase, na bɛde papa he guu nkɛntɛne mu na bɛtoo deɛ ɔnyɛ he guiɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite