Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 13:41 - Apam Foforɔ

41 Nipa Ba he bɛsoma n’abɔfoɔ, na bɛbɛboaboa bibi a ɔto sintidua ne abɔneyɛfoɔ nyinaa ano afiri n’ahennie mu,

Gade chapit la Kopi




Mateo 13:41
18 Referans Kwoze  

Na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ ama bɛde totorobɛnto nyegyeɛ a ano ɔdene aba; na bɛbɛboaboa bɛ a bɛayi bɛ he ano afiri wiase mframa nnan he mu, firi soro ano akosi ano.


Nso bibiaa a ho nte nkɔ kuro he mu. Saa ara ne bi a ɔyɛ aniwudeɛ anaa odi atorɔ nkɔ mu. Bɛ a bɛatwerɛ bɛ dini ahyɛ Dwammaa he nkwa nwoma he mu he nkoaa na bɛbɛkɔ kuro he mu.


“Wiase nnue, sintidua nti! Otwa sɛ sintidua toɔ ba, nso deɛ ɔnam ne so bɛba he, onnue!


Nti abɔfoɔ nyinaa nyɛ honhom a bɛsom Nyankopɔn a wasoma bɛ sɛ bɛnsom nkwagyeɛ diadefoɔ anaa?


da a Nyankopɔn a ɔnam Yesu Kristo so, bebu nnipa nyinaa kokoam nsusuiɛ atɛne sɛnea asɛmpa a maka he teɛ.


Saa ara ne ɔbɛyɛ awieeɛ berɛ mu. Abɔfoɔ he bɛba abɛfa abɔnefoɔ he afiri teneneefoɔ mu


Afei ɔbɛsoma abɔfoɔ he, na bɛakɔboaboa bɛ a bɛayi bɛ afiri atifi kɔpem anaafoɔ, apieeɛ kɔpem atɔeɛ, ofiri asaase ano de kosi soro ano.


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakramane wɔ bɔno, na nnomaa a bɛya wiem wɔ pirebuo; nso Nipa Ba he deɛ onni baabi a ɔde ne ti bɛto mpo.”


Okita ne huhuammoa ne nsam, na ɔbɛpra n’ayuporobea hɔ na woaboaboa n’ayuo ano akogu pata so; nso ntɛ he deɛ, ɔde gya a onnum da bɛhye ne nyinaa.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite