Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 13:3 - Apam Foforɔ

3 Na ɔyɔɔ mfantoho de kyerɛkyerɛɛ bɛ nnoɔma bebree. Na ɔkaa sɛ: “Hontie! Gufoɔ bi firii adi sɛ okogu n’aba.

Gade chapit la Kopi




Mateo 13:3
27 Referans Kwoze  

Na obisaa bɛ sɛ, “Honnte mfantoho yi ase? Na ɔbɛyɛ na ho ate mfantoho a aka he nyinaa ase.


Ɔde mfantoho bebree maa bɛ nkyerɛkyerɛ, sɛnea na bebetumi ate aseɛ.


Berɛ a Yesu wiee saa mfantoho yi, ofirii hɔ kɔeɛ.


Berɛ a behuu sɛ ɔyɔɔ saa mfantoho yi tiaa bɛ he, bɛpɛɛ sɛ bɛbɛkye no, nso na besuro nnipadɔm he. Nti bɛgyae no, na bɛkɔeɛ.


“Menam mfantoho so aka yeinom akyerɛ ho. Berɛ he ɔɔba a memmfa mfantoho ne bɛkasa ho ho bio, na mmom mɛka Agya he ho asɛm akyerɛ ho pefee.


Afei Petro bisaa sɛ, “Awurade, wode mfantoho yi ɔɔma yɛ anaa wode ɔɔma bɛ nyinaa nso?”


Ɔkaa sɛ, “Ho ne bɛde ama ho sɛ honte Nyankopɔn ahennie ho ahintasɛm he ase, na bɛ a bɛ aka he deɛ, bɛde mfantoho ne ka ho asɛm kyerɛ bɛ, na nti bɛbɛhwɛ deɛ, nso bɛbɛhwɛ no kwa, na bɛbɛte deɛ, nso bɛnte aseɛ.


Afei Yesu firii aseɛ de mfantoho kasa kyerɛɛ bɛ sɛ, “Beema bi yɔɔ bobe turo, gyee ho hyiaeɛ, tuu nsa-kyi-amena, na osii awɛmfoɔ dane; afei ɔde turo he hyɛɛ ahwɛfoɔ nsa, na otuu kwane kɔɔ kuro foforɔ so.


Na ɔfrɛɛ bɛ baa ne nkyɛne na ɔyɔɔ saa mfantoho yi kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ɔbɛyɛ dɛ na Satan atutu Satan?


“Honsua bibi mfiri borɔdoma ho: Sɛ ne mmane nya yɛ frɔmfrɔm na ooyiyi ahahane a, na honim sɛ ahuhuro berɛ abɛne.


Bio, Yesu de mfantoho bi kyerɛkyerɛ bɛ sɛ:


Na oguu aba he, aba he bi koguu kwankyɛne, na nnomaa bɛsosɔɔ ne nyinaa.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite