14 Ɔnam bɛ so ne diyifoɔ Yesaia nkɔmhyɛ he aba mu sɛ: Te deɛ hobɛte, nso hoɔnte aseɛ da na hobɛhwɛ paa, nso honnhu no yie da.
Nso na bɛ akoma ɔdene; nɔkorɛ, ɔde besi nnɛ, sɛ bɛkenkane apam dadaa he a, nkatanimu heaa da so ya hɔ osiane sɛ Kristo nkoaa mu ne otwa mu.
Ɔkaa sɛ, “Ho ne bɛde ama ho sɛ honte Nyankopɔn ahennie ho ahintasɛm he ase, na bɛ a bɛ aka he deɛ, bɛde mfantoho ne ka ho asɛm kyerɛ bɛ, na nti bɛbɛhwɛ deɛ, nso bɛbɛhwɛ no kwa, na bɛbɛte deɛ, nso bɛnte aseɛ.
sɛnea ɔbɛyɛ a, ‘bɛbɛhwɛ paa deɛ nso benhu, na bɛatie paa nso bɛnte aseɛ; na bɛansakra annya bɔne fakyɛ.’ ”
Nso nyɛ bɛ nyinaa ne bɛayɔ setie ama asɛmpa he; efiri sɛ Yesaia dɛ, “Awurade, hwane ne agye yɛ asɛm adi?”