Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 12:46 - Apam Foforɔ

46 Na ogu so ɔɔkasa kyerɛ nnipadɔm he, ne maame ne ne nuanom begyinaa abɔntene pɛɛ sɛ bɛ ne no kasa.

Gade chapit la Kopi




Mateo 12:46
26 Referans Kwoze  

Ɔnyɛ duadwumfoɔ he ba he di? Ɔnyɛ ne maame ne bɛfrɛ ne Maria he? Ɔnyɛ ne nua mmeemmaanom ne Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda?


Yei akyi he Yesu ne ne maame, ne ne nuanom ne n’asuafoɔ he sane kɔɔ Kapernaum kodii nna kakra.


(Na ne nua mmeemanom mpo nnye no nni.)


Nti ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ, “Firi ha kɔ Yudea sɛ ɔbɛyɛ na w’asuafoɔ he nso behu nnwuma a wooyɔ,


Na bɛ nyinaa bɛde akoma korɔ tuu bɛ ho sii hɔ maa mpaebɔ, a na mmaa a bɛne Yesu nanteeɛ he ne Yesu maame Maria ne Yesu nuanom nso ka ho.


Aa! Ɔnyɛ yei ne dua dwumfoɔ he, Maria ba ne Yakubu ne Yose ne Yuda ne Simon nua he, na ne nua mmaa nni yɛ nkyɛne ha?” Na bɛde abufuo buu no animtia.


nso manhu asomafoɔ biaa gye sɛ Awurade nua Yakobo nkoaa.


Yenni ho kwane sɛ yɛ mu biaa ware gyidini baa ne no nante, sɛdeɛ asomafoɔ ne Awurade mu anuanom ne Kefa yɔ he?


Na ne nuammeemanom kɔɔ afahyɛ he ase he, ɔno nso kɔeɛ a wannyi ne ho adi na mmom ɔde ne ho sieeɛ.


Afei behuu no he, ɔyɛɛ bɛ nwanwa, na ne maame ka kyerɛɛ no sɛ: “Me ba, ɛɛne nti ne woyɔɔ yɛ saa? Hwɛ, me ne wo agya de ahodwiri ahwehwɛ wo.”


Ɔkaa sɛ, “Ho ne bɛde ama ho sɛ honte Nyankopɔn ahennie ho ahintasɛm he ase, na bɛ a bɛ aka he deɛ, bɛde mfantoho ne ka ho asɛm kyerɛ bɛ, na nti bɛbɛhwɛ deɛ, nso bɛbɛhwɛ no kwa, na bɛbɛte deɛ, nso bɛnte aseɛ.


“Bɛmmfa ntoma mono sini ntɛ ataadeɛ dada mu; anyɛ saa a, ntemu he bɛte afiri mu, kyerɛ sɛ, ntemu mono he befiri dada he mu, na nteɛ he bɛyɛ kɛse paa.


Na ne maame ka kyerɛɛ asomfo he sɛ, “Honnyɔ nea ɔbɛka akyerɛ ho biaa.”


Na nea ɔka faa ne ho he yɛɛ ne papa ne ne maame nwanwa.


Yei akyi da a ɔtɔ so mmeɛnsa he, na ayefohyia bi ɔɔkɔ so Kana a ɔya Galilea. Na Yesu maame ya hɔ.


Na ɔne bɛ kɔɔ Nasaret, na ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase hyɛɛ bɛ ase. Ne maame nso de nsɛm yi nyinaa siee n’akoma mu.


“Sɔre, fa abɔfra he ne ne maame, kɔ Israel mane mu, bɛ a bɛɛpɛ abɔfra he aku no he nyinaa awuwu.”


Bewuraa fie a na abɔfra he yam he mu he, behuu ɔne ne maame Maria, na bɛkoto sɔree no. Afei, bebiee bɛ kotokuo mu yii sikakɔkɔɔ, krobo, ne aduhwam de yɔɔ no ayɛ.


Afei kwane a bɛfaa so woo Yesu Kristo di: Berɛ a bɛde ne maame Maria maa Yosef sɛ asiwa, na bennya ntenaa sɛ awarefoɔ he, behuu sɛ Maria afa afuro a ofiri Honhom Kronkron.


Na yei ne nea asraafoɔ he yɔeɛ. Saa berɛ heaa na Yesu maame, ne maame nua baa, Maria a ɔyɛ Klopa yerɛ ne Maria Magdalene gyina Yesu asennua he ho.


Mmɛ akwannya ne manya sɛ m’Awurade maame aba me nkyɛne yi?


Na bi ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, wo maame ne wo nuanom gyina mfikyire pɛ sɛ bɛ ne wo kasa.”


Afei Simeon hyiraa bɛ, na ɔka kyerɛɛ ne maame Maria sɛ, “Hwɛ! Yei ne bɛayi no ama Israelfoɔ bebree sɛ ɔnam ne so nti bɛbɛhwe ase na bebree nso bɛsɔre. Na ɔno nso ne bɛyɛ nsɛnkyerɛnne a bɛbɛkasa atia,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite