Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 12:34 - Apam Foforɔ

34 Nankatia mma! Ɔbɛ yɛ dɛ na hoaka nsɛm pa, berɛ a hoyɛ abɔnefoɔ? Nea abu so akoma mu he ne ano ka.

Gade chapit la Kopi




Mateo 12:34
28 Referans Kwoze  

Nipa pa firi adepa a wakora no n’akoma mu ne oyi adepa adi, nso bɔnefoɔ firi nnebɔne a wakora no n’akoma mu ne oyi adebɔne adi; efiri sɛ nea ayɛ akoma mã aboro so he ne ano ka.


Na deɛ ofiri anum he firi akoma mu, na yei ne deɛ ogu nipa ho fi.


Hommma nsɛmmɔne biaa mfiri ho anum mma, na mmom asɛm a ohia a obetumi ama bi anya nkɔsoɔ nkoaa ne honka, na ama bɛ a bɛte ho nsɛm he anya adom.


Nsosonoeɛ a ɔda Nyankopɔn mma ne Bronsam mma ntam ne sɛ, biaa a ɔnyɔ deɛ ɔtene anaa ɔnnɔ ne nua he mfiri Nyankopɔn.


Nipa pa de nnoɔma pa a waboaboa ano mu de nnoɔma pa ba, na nipa bɔne de nnoɔma bɔne a waboaboa ano de nnoɔma bɔne ba.


Hofiri ho agya bronsam hɔ, na hopɛ sɛ hoyɔ ho Agya he apɛdeɛ. Ɔyɛ wudini firi mfitiaseɛ, na wannyina nɔkorɛ he mu efiri sɛ nɔkorɛ nni ne mu. Sɛ odi torɔ a, ofiri ɔno ankasa ne mu ne ba, efiri sɛ ɔyɛ torɔfoɔ ne atorɔ agya.


Awɔ, anankatia mma! Hobɛyɛ dɛ adwane atemmuo a ɔde hobɛkɔ bronsam gya mu he?


Nso ohuu Farisifoɔ ne Sadukifoɔ sɛ bɛɛba abɛbɔ asu he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho nankatia mma! Hwane ne bɔɔ ho kɔkɔ sɛ honnwane mfiri abufuo a ɔɔba he ho?


Na Yohane ka kyerɛɛ nnipadɔm a bɛbaa sɛ ɔmmɔ bɛ asu he sɛ, “Nankatia mma, hwane ne ka kyerɛɛ ho sɛ honwane mfiri abufuo a ɔɔba he ho?


Na hommma aniwudeɛ, nsɛnhunu ɔne nsɛnkwaa a kasafi yam mfiri ho anum na mmom, homma nea ofiri ho anum nyɛ aseda.


na yɛ nyinaa yɔ mfomsoɔ bebree. Nipa biaa a ɔnyɔ mfomsoɔ kasa mu he yɛ pɛ, na otumi to nipadua he nyinaa nnareka.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite