Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 12:23 - Apam Foforɔ

23 Na nnipadɔm he nyinaa ho dwirii bɛ na bebisaa sɛ, “Ɔnyɛ Dawid Ba he di?”

Gade chapit la Kopi




Mateo 12:23
9 Referans Kwoze  

Na Yesu firii hɔ kɔeɛ he, anifirafoɔ mmienu dii n’akyi teateam dendene sɛ, “Hu yɛ mmɔbɔ, Dawid ba!”


“Hommra mmɛhwɛ beema bi a waka m’asumasɛm nyinaa akyerɛ me! Ɔnyɛ yei ne Kristo he anaa?”


Na nnipadɔm a bedi n’anim ne bɛ a bedi n’akyi he teateam sɛ, “Hosiana, Dawid ba! Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade dini mu ɔɔba! Hosiana ya sorosoro!”


Na berɛ a otuu honhommɔne he, mum he kasaeɛ; na nnipadɔm he ho dwirii bɛ, na bɛkaa sɛ, “Biaa nhuu bibiaa a ɔte sei Israel da.”


Na amonom hɔaa, Kanaanni baa bi a ofiri mpɔtamu hɔ ba bɛteateam sɛ, “Hu me mmɔbɔ, Awurade, Dawid Ba; honhommɔne ɔɔha me babaa.”


Na afei, berɛ a Yesu kaa nsɛm yi wieeɛ he, nnipadɔm he ho dwirii bɛ ne nkyerɛkyerɛ he ho,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite