Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 12:18 - Apam Foforɔ

18 “Yei ne m’akoa a mayi no, medɔ ba, ɔno ne me kra ani sɔ no. Mehwie me Honhom agu ne so, na wapaem aka atɛntenenee akyerɛ Amanamane mufoɔ.

Gade chapit la Kopi




Mateo 12:18
40 Referans Kwoze  

“Awurade Honhom ya me so, efiri sɛ wasra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ, wasoma me sɛ memmɛka gyeɛ ho asɛm nkyerɛ bɛ a bɛafa bɛ nommum na memma anifirafoɔ nhu adeɛ, sɛ memma bɛ a binom hyɛ bɛ so nya fahodie,


Yesu Nasareni he, Nyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi hyɛɛ no ma, na okyinikyinii asaase he so yɔɔ papa, na ɔsaa bɛ a Bronsam hyɛ bɛ so nyinaa yadeɛ, efiri sɛ na Nyankopɔn ka ne ho.


Na nea Nyankopɔn asoma no he ka Nyankopɔn asɛm, na Nyankopɔn nsusu Honhom ansa na ɔde ama.


Hommra Awurade a ɔyɛ boɔ a nkwa yam he nkyɛne. Ɔno ne nnipa poo no, na Nyankopɔn ani so deɛ ɔyɛ nea wayi no, na ɔsom bo he.


Na berɛ a onyaa anidie ne animuonyam firi Agya Nyankopɔn hɔ na nne bi firi animuonyam kɛseɛ mu kaa sɛ, “Yei ne me dɔ Ba a ɔsɔ m’ani he,”


Ɔno ne agye yɛ afiri sum tumi mu, na ɔde yɛ akotim ne dɔ Ba he ahennie mu,


Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ ɔne yɛ nua Timoteo,


na ayɛ ayeyie ama animuonyam adom a ɔde nam ne Dɔba he so akyɛ yɛ kwa.


Na bɛbaeɛ he, bɛfrɛɛ asafo he boaa ano, na bɛkaa nea Nyankopɔn de bɛ akɔyɛ nyinaa ne sɛnea wabie gyidie pono ama amanamane mufoɔ he.


Bɛtee yei he, bɛgye toom. Na beyii Nyankopɔn ayɛ sɛ, “Hedeɛ Nyankopɔn ama amanamane mufoɔ nso anya adwensakra a ɔkɔ nkwa mu.”


Na nkurofoɔ he gyina hɔ ɔɔhwɛ. Na atumfoɔ he dii ne ho agorɔ kaa sɛ, “Ɔgyee binom; sɛ yei ne Kristo a Nyankopɔn ayi no he a, ma onnye ne ho ɛ!”


Na nne bi firi mununkum he mu kaa sɛ. “Yei ne me Ba, nea m’ayi no he, hontie no.”


na Honhom Kronkron sianee honam tebea mu te sɛ abuburo baa ne so, na nne bi fi soro kaa sɛ. “Wone me dɔba, wo ne wo sɔ m’ani.”


Na afei mununkum bi bɛkataa bɛ so, na nne bi firi mununkum he mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba korɔ he; hontie no!”


Na nne bi firi soro kaa sɛ, “Wone me dɔba he; wo ne wosɔ m’ani!”


Berɛ a ogu so ɔɔkasa he, amonom hɔaa mununkum bi a ɔhyerɛn bɛkataa bɛ so, na nne bi firi mununkum he mu kaa sɛ, “Yei ne me Ba, deɛ medɔ no he; ɔno ne sɔ m’ani; hontie no!”


Yei maa deɛ diyifoɔ Yesaia kaeɛ he baam sɛ:


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite