Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 12:14 - Apam Foforɔ

14 Na yei maa Farisifoɔ he firii adi kɔbɔɔ ne ti so pɔ, kwane a bɛbɛfa so aku no.

Gade chapit la Kopi




Mateo 12:14
15 Referans Kwoze  

Nti ofiri saa da he bɛbɔɔ pɔ sɛ bebeku no.


Na bɛbɔɔ mmɔdene sɛ bɛbɛkye no, nso ofiri bɛ nsa kɔeɛ.


Na yei nti afei Yudafoɔ he hwehwɛɛ sɛ bebeku no, efiri sɛ ɔnyɛ homeda nkoaa ne wabu so, na mmom ɔfrɛ Nyankopɔn sɛ ɔno ankasa n’Agya, de yɛ ne ho sɛ ɔne Nyankopɔn yɛ pɛ.


Na yei maa bɛ ani beree dendenndene, na betuu Yesu ho agyina hwɛɛ nea bɛde bɛyɔ no.


Na Farisifoɔ he firii abɔntene a pɛ, bɛ ne Herodefoɔ bɔɔ pɔ hwehwɛɛ kwane a bɛbɛfa so aku no.


na bɛbɔɔ pɔ sɛ bɛbɛfa nyansa kwane so akye Yesu aku no.


Na asɔfo mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he ahyɛ sɛ, sɛ bi nim baabi a ɔya a, ɔmmɛkyerɛ, na bɛnkɔ kye no.


Adeɛ kyeeɛ he, asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne mane he mu mpanyimfoɔ he nyinaa tuu agyinaa hwehwɛɛ kwane a bɛbɛfa so aku no.


Na aka nnaanu na Twam ne Apiti afahyɛ he aduru. Na asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he ɔɔpɛ nyansa kwane bi afa so akye Yesu, na bɛaku no;


Na asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he nso ɔɔhwehwɛ kwane a bɛbɛfa so aku Yesu, efiri sɛ na besuro nkurofoɔ he.


Nti bɛhwehwɛɛ kwane a bɛbɛfa so akye no nso biaa amfa ne nsa anka no, efiri sɛ na berɛ he nnuruiɛ.


Farisifoɔ he tee sɛ nnipakuo he oonwinwii keka yeinom fa ne ho, na Farisifoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he somaa asɔrefie awɛmfoɔ sɛ bɛnkɔ kye no.


Na bemu binom pɛɛ sɛ bɛkye no, nso biaa amfa ne nsa anka no.


Yei nti bɛsesaa aboɔ sɛ bɛɛbɛtoto abɔ no, nso Yesu de ne ho sieeɛ, na ofirii asɔrefie hɔ kɔeɛ.


Na Yudafoɔ he sesaa aboɔ bio sɛ bɛɛbɛtoto abɔ no.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite