12 Nipa so nni mfasoɔ bebree nkyɛne dwane? Mmara ma ho kwane sɛ bɛyɔ papa homeda.”
Honhwɛ nnomaa a bɛya wiem; bennua, bentwa, na bɛmmoa hwee ano ngu pata so, nso ho Agya a ɔya soro he mma bɛ aduane di. Honsom bo nkyɛne bɛ anaa?
Afei Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Meebisa ho, nti mmɛ ne nipa wɔ ho kwane sɛ ɔyɔ no homeda, adepa anaa adebɔne, sɛ ɔbɛgye bi kra nkwa anaa ɔbɛma na asɛe?”
Na obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ ne nipa wɔ ho kwane sɛ ɔyɔ no homeda, adepa anaa adebɔne, sɛ ɔbɛgye bi kra nkwa anaa ɔbɛma na asɛe?” Na biaa yɔɔ komm.
Nti honnsuro; hosom bo sene mpatuprɛ koraa.
Honhwɛ sɛ nkwããkwããdabi a bennua aba biaa na bentwa, na benni adekoradane anaa pata, nso Nyankopɔn ma bɛ aduane. Honnsom bo beberee nsene nnomaa anaa?
Afei homeda bi, Yesu kɔɔ Farisifoɔ mpanyimfoɔ he mu baako fie sɛ ookodidi he, na nkurofoɔ he ɔɔtetɛ no.