Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 12:10 - Apam Foforɔ

10 Na beema bi ya hɔ a ne nsa awu, na bebisaa no sɛ, “Ɔyɛ mmara sɛ bɛsa yadeɛ homeda?” Bebisaa no yei de pɛɛ kwane a bɛbɛfa so abɔ no kwaadu.

Gade chapit la Kopi




Mateo 12:10
21 Referans Kwoze  

Hyiadane he mu panyini ani bereeɛ sɛ Yesu asa yadeɛ homeda he. Nti ɔka kyerɛɛ nnipakuo he sɛ, “Nnansia ne ɔsɛ sɛ bɛde yɔ adwuma, ɔno mu ne ɔsɛ sɛ ho ba na bɛsa ho yadeɛ, na ɔnyɛ homeda ne ɔsɛ sɛ ho ba.”


Na Farisifoɔ he mu bi kaa sɛ, “Nipa yi mfiri Nyankopɔn nkyɛne, efiri sɛ onni homeda.” Nso binom bisaa sɛ, “Ɔbɛyɛ dɛ na nipa debɔneyɛni atumi ayɔ nsɛnkyerɛnne a ɔte sɛ yi?” Afei mpaepaemu baa bɛ mu.


Bɛkaa yei de sɔɔ no hwɛeɛ, sɛ ɔbɛyɛ na bebenya soboɔ bi abɔ no. Na Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam.


Nti Yudafoɔ he ka kyerɛɛ beema a Yesu saa no yadeɛ he sɛ, “Ɔyɛ homeda, na mmara mma kwane sɛ wobɛsoa wo kɛtɛ.”


na bɛtɛɛ no hwɛɛ sɛ bebenya asɛm bi afiri n’anum anaa.


Na Farisifoɔ he huu bɛ he, bɛka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Hwɛ, w’asuafoɔ he ɔɔyɔ deɛ mmara mma kwane mma bɛnnyɔ no homeda.”


Ha ne ayarefoɔ pii—anifrafoɔ, mpakye, ne bɛ a bɛ fa adwodwo deda.


Afei befirii aseɛ bɔɔ no soboɔ sɛ, “Yɛakye beema yi sɛ ɔɔsɛe yɛ mane, na ɔbra sɛ bentua toɔ mma Kaesare na ɔka sɛ ɔno ne hene Kristo he.”


na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hode nipa yi braa me sɛ bi a ɔma nkurofoɔ te atua, na hwɛ, mehwehwɛɛ n’asɛm mu ho anim ha yiaa, nso manhu nnyinasoɔ biaa a hode bɔɔ no soboɔ.


Nti, mmara ma ho kwane sɛ yetua toɔ ma Kaesare anaa mmara mma kwane?”


Na Farisifoɔ baa ne nkyɛne bɛsɔɔ no hwɛeɛ, sɛ, “Mmara ma ho kwane sɛ asɛm bi nti beema bi gyae ne yerɛ anaa?”


Na bɛhwɛɛ sɛ ɔbɛsa no yadeɛ homeda he anaa, na bɛde abu no fɔ.


Sɛ hotumi twa nipa twetia homeda sɛ ɔbɛyɛ a ɔnto Mose mmara he a, ɛɛne nti ne ho bo afu me sɛ mama bi ho ayɛ ne dene homeda?


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite