Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 11:29 - Apam Foforɔ

29 Homfa me konnua nto ho ho so, na honsua me, efiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu, na hobenya homee ama ho kra.

Gade chapit la Kopi




Mateo 11:29
38 Referans Kwoze  

Ɔsɛ sɛ biaa a ɔka sɛ ɔte ne mu he bɔ ne bra sɛ ɔnoaa pɛpɛɛpɛ.


Na maama ho nhwɛsoɔ sɛnea mayɔ ho he, ho nso honyɔ saa.


“Nipa biaa a otie me nsɛm yi na ɔyɔ bɛyɛ sɛ nyansani a osii ne dane abotane so.


na owiee pɛyɛ he, ɔbɛyɛɛ daa nkwa farebae maa bɛ a bɛyɛ setie ma no he nyinaa,


Afei m’ankasa Paulo a sɛ meya honkyɛne a, meyɛ hufoɔ, nso sɛ menni honkyɛne a meyɛ kokoɔdurufoɔ ma ho he, menam Kristo dwoɔ ne n’ayamyɛ so srɛ ho,


na honkyerɛkyerɛ bɛ sɛ benni deɛ mahyɛ ho nyinaa so. Na hwɛ, me ne ho ya hɔ nna nyinaa de kosi wiase awieeɛ.”


Honnya adwene a ɔya Kristo Yesu mu heaa bi;


“Honka nkyerɛ Sion babaa, Hwɛ, wo hene ɔɔba wo nkyɛne, ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumu ba a ɔsoa nnoɔma so.”


ne bibiaa a ɔsõ a bɛama so atia Nyankopɔn nimdeɛ, na yɛafa adwene nyinaa nommum de ahyɛ Kristo asoɔmmerɛ ase.


Na honim ahyɛdeɛ a yɛnam Awurade Yesu so de maa ho he.


Sɛ honim yeinom na hoyɔ a, hoyɛ nhyira.


Berɛ a ogu so ɔɔkasa he, amonom hɔaa mununkum bi a ɔhyerɛn bɛkataa bɛ so, na nne bi firi mununkum he mu kaa sɛ, “Yei ne me Ba, deɛ medɔ no he; ɔno ne sɔ m’ani; hontie no!”


na bɛatɔ bɛ a bennim Nyankopɔn na bɛantie yɛ Awurade Yesu ho asɛmpa he so werɛ.


Bɛ a benni mmara he meyɛɛ me ho sɛ menni mmara he ase maa bɛ (ɔnyɛ sɛ menni mmara Nyankopɔn anim, nɔkwasɛm ne sɛ, mehyɛ Kristo mmara ase) sɛdeɛ ɔbɛyɔ a mɛgye bɛ a benni mmara he.


Saa Mose yi ne ka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Nyankopɔn beyi diyifoɔ bi a ɔte sɛ me afiri ho nuanom mu ama ho.’


Afei nkurofoɔ baa sɛ bɛbɛhwɛ nea asi, na bɛbaa Yesu nkyɛne behuu beema a bɛatu honhommɔne afiri ne mu he sɛ ɔhyɛ ataadeɛ te Yesu nane ase, a n’dwene mu ate; na bɛ ho dwirii bɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite