21 “Korasin due! Betsaida due! Efiri sɛ, sɛ bɛyɔɔ tumideɛ a bɛayɔ no ho mu he, bɛyɔɔ no Tiro ne Sidon a, nka bɛasakra bɛ adwene afira ayitoma de nso apete bɛ tim de akyerɛ bɛ adwensakra dadaada.
Afei nso Herode ani beree Tirofoɔ ne Sidonfoɔ so. Nti bɛyɛɛ anokorɔ baa ne nkyɛne, na berɛ a bɛmaa Blasto a ɔhwɛ hene daberɛ so tee bɛ aseɛ he, befirii aseɛ srɛɛ hwehwɛɛ asomdwie, efiri sɛ na hene he asaase so na mane he nya bɛ aduane.
Mmusuo nka bɛ! Efiri sɛ, kwane a Kain faa so heaa so ne bɛnam, na mfasoɔ nti, bɛde bɛ ho ahyɛ mfomsoɔ a Bileam yɔeɛ he bi ase. Bɛayɔ dɔm sɛnea Kora yɔɔ dɔm he nam so ma bɛasɛe bɛ sɛ ɔno.
Na ɔne bɛ sane begyinaa baabi a hɔ da so, na n’asuafoɔ pii, ne nnipadɔm a befiri Yudea ne Yerusalem, ne Tiro ne Sidon mpoano nyinaa baa sɛ beebetie no na wasa bɛ yadeɛ.