Nea na asi ne sɛ, na Herode asoma mmeema ama bɛakɔkye Yohane, akyekyere no de no ato afiase, Herodia a ɔyɛ ne nua Filipo yerɛ he ho nti, efiri sɛ na Herode agye no afiri Filipo nsam aware no.
Nti ofiri Abraham so kosi Dawid so yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunnan; na ofiri Dawid so kosi mmerɛ a bɛfaa Yudafoɔ nommum kɔɔ Babel he so yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunnan; na ofiri berɛ a betu kɔtenaa Babel he kosi Kristo so nso yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunnan.
Na Herode a ɔyɛ mantam sodifoɔ he tee nnoɔma a ɔɔkɔ so he nyinaa, na ne tim yɛɛ no kesenenee, efiri sɛ na binom ɔɔkeka sɛ bɛanyane Yohane afiri awufoɔ mu,