1 Na berɛ a Yesu kasa kyerɛɛ n’asuafoɔ dummienu he wieeɛ he, ofirii hɔ kɔɔ bɛ nkuro he mu sɛ ɔɔkɔ kyerɛkyerɛ, na afei wapaem kaa n’asɛm he hɔ.
Yesu Nasareni he, Nyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi hyɛɛ no ma, na okyinikyinii asaase he so yɔɔ papa, na ɔsaa bɛ a Bronsam hyɛ bɛ so nyinaa yadeɛ, efiri sɛ na Nyankopɔn ka ne ho.
Yei akyi berɛ tiaa bi mu he, Yesu tutuu akwane kɔɔ nkuro mu ne nkuraa ase kɔ pae mu kaa Nyankopɔn ahennie he ho asɛmpa. Na dummienu he ka ne ho.
Afei Yesu kyinkyinii nkuro ne nkuraa nyinaa ase, kyerɛkyerɛ bɛ hyiadane mu, na ɔpae mu kaa ahennie he ho asɛmpa he, na ɔsaa yadeɛ ne ahoɔmmerɛ nyinaa.
Na yɛya ho nkyɛne he nso, yɛhyɛɛ ho sɛ: sɛ bi mpɛ sɛ ɔyɔ adwuma a, mma no nnidi.
Afei anuanom, yɛhyɛ ho Awurade Yesu Kristo dini mu sɛ, hontwe ho ho mfiri nipa biaa a ɔnam basabasa, na onni nkyerɛkyerɛ a honyaa no yɛ nkyɛne he so.
Na honim ahyɛdeɛ a yɛnam Awurade Yesu so de maa ho he.
Ɔhyɛɛ yɛ sɛ yɛnka nkyerɛ mane he na yenni adanseɛ sɛ ɔno ne Nyankopɔn ayi no sɛ ateasefoɔ ne awufoɔ nyinaa temmufoɔ.
de besi da a ɔnam Honhom Kronkron so maa asomafoɔ a oyii bɛ he ahyɛdeɛ, na ɔno akyi he bɛfaa no kɔɔ soro.
Sɛ hoyɔ nea mehyɛ ho he a, hedeɛ hoyɛ me nnamfo.
Sɛ hodi m’ahyɛdeɛ so a, hobɛtena me dɔ mu, sɛnea madi m’Agya ahyɛdeɛ so na mete ne dɔ mu he.
na honkyerɛkyerɛ bɛ sɛ benni deɛ mahyɛ ho nyinaa so. Na hwɛ, me ne ho ya hɔ nna nyinaa de kosi wiase awieeɛ.”
Na afei, berɛ a Yesu kaa nsɛm yi wieeɛ he, nnipadɔm he ho dwirii bɛ ne nkyerɛkyerɛ he ho,
Yesu kyinkyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛɛ bɛ hyia adane mu, na ɔpae mu kaa ahennie he ho asɛmpa na ɔsaa bɛ a bɛyare nyinaa yadeɛ.
sɛ: hwɛ ahyɛdeɛ he so, mma dɛm anaa asɛm bi mmma ho kosi Awurade Yesu Kristo ahoyie so.
Nti bɛkɔ kɔpaem kaa sɛ biaa nsakra n’adwene.
Nso bɛkaa no dendenndene sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛ Yudea nyinaa de hwanyane mane he mu, ofirii aseɛ mpo firii Galilea ne ɔde abeduru ha yi.”