Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 10:7 - Apam Foforɔ

7 Sɛ hokɔ a, hompae mu nka asɛmpa he sɛ, ‘Soro ahennie he abɛne.’

Gade chapit la Kopi




Mateo 10:7
19 Referans Kwoze  

na ɔkaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm de nnamyɛ kɛseɛ kyerɛkyerɛɛ bɛ Awurade Yesu Kristo ho nsɛm a bibiaa ansi ho kwane.


“Honsakra ho adwene, na soro ahennie he abɛne.”


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ma awufoɔ nsie bɛ awufoɔ, na wo deɛ, kɔka Nyankopɔn ahennie he ho asɛm.”


Ofiri saa mmerɛ he ɔɔkɔ he, Yesu firii aseɛ pae mu kaa sɛ, “Honsakra ho adwene na soro ahennie he abɛne.”


“Mmara he ne adiyifoɔ he tenaa hɔ besii Yohane so; efiri hɔ he, bɛpae mu ka Nyankopɔn ahennie he ho asɛmpa, na nipa biaa bɔ mmɔdene sɛ obewura mu.


Na ɔsomaa bɛ sɛ bɛnkɔ pae mu nka Nyankopɔn ahennie he ho asɛm na bɛnsa yadeɛ,


Nti bɛkɔ kɔpaem kaa sɛ biaa nsakra n’adwene.


Berɛ a Petro piee hɔ he, Konelio kohyiaa no hwee ne nane ase sɔree no.


na bɛ bo afu sɛ asuafoɔ he nam Yesu wusɔreɛ he ɔɔkyerɛkyerɛ nkurofoɔ he wusɔreɛ ho asɛm.


Ɔbaa Yesu hɔ anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Rabuni, yenim sɛ woyɛ kyerɛkyerɛni a wofiri Nyankopɔn nkyɛne ne aba, na bi ntumi nyɔ nsɛnkyerɛnne a woyɔ yi, gye sɛ Nyankopɔn ka ne ho.”


Yei akyi he, besiim kɔɔ nkuraa ase, kaa asɛmpa he na bɛsaa nyarewa baabiaa.


“Nso ho, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ, honnue! Efiri sɛ, hosi nipa kwane soro ahennie mu nipa anim, ho ankasa nso honkɔ mu, na sɛ binom ɔɔkɔ mu a, hosi bɛ kwane.


Nti meeka akyerɛ ho, bɛbɛgye Nyankopɔn ahennie he afiri ho nsam na bɛde ama bɛ a bɛsõ ahennie he ho aba.”


Hohwɛ a bɛ mmienu mu hwane ne yɔɔ ne papa he apɛdeɛ?” Bebuaa sɛ, “Deɛ odi kane he a.” Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, togyefoɔ ne adwamammɔfoɔ oodi ho anim kane Nyankopɔn ahennie mu,


Na berɛ a Yesu kasa kyerɛɛ n’asuafoɔ dummienu he wieeɛ he, ofirii hɔ kɔɔ bɛ nkuro he mu sɛ ɔɔkɔ kyerɛkyerɛ, na afei wapaem kaa n’asɛm he hɔ.


Honsa yadeɛ, honyane awufoɔ, homma akwatafoɔ ho mfiri, hontutu ahohommɔne. Honyaa no kwa; nti homfa mma kwa.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite