Na afei Paulo ne Barnaba kasaa akokoɔduro so sɛ, “Na ohia sɛ yɛka Nyankopɔn asɛm kyerɛ ho kane. Na ɔnam sɛ hoapo asɛm he na hobu ho ho sɛ homfata daa nkwa he nti, yɛde asɛm he ɔɔkɔ Amanamane mufoɔ hɔ.
na mmom, medii kane kasa kyerɛɛ Damaskofoɔ. Na afei mekɔɔ Yerusalem, ne Yudea mantam nyinaa mu, ne amanamane mufoɔ hɔ kɔkaa sɛ, sɛ bɛnsakra bɛ adwene na bɛmfa nnwuma a ɔkyerɛ adwensakra so nane mmra Nyankopɔn nkyɛne.
Berɛ a bɛ ne no dii asie na bɛkasa tiaa no he, ɔporoporoo ne ntaadeɛ mu mfuturo kaa sɛ, “Ho mogyaa mua hoaa ho atifi. Me deɛ menni ho fɔ. Ofiri nnɛ ɔɔkɔ yi meekɔ amanamane mufoɔ hɔ.”