41 Deɛ ɔgye diyifoɔ ya diyifoɔ dini mu he benya diyifoɔ akatua; na deɛ ɔgye nipa tenenee ya nipa tenenee dini mu he benya nipa tenee akatua;
Nyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene; na ommu n’ani ngu nwuma pa a ho yɔ ne dɔ a ɔno nti ho da no adi ya ahoteefoɔ som ho, na hogu so yɔ he ho.
Honhwɛ ho ho so yie na hoanhwere nea hoayɔ ho adwuma, sɛ ɔbɛyɛ a hobenya ho akatua nyinaa.
Sɛ meyi me yam yɔ a, mewɔ akatua, sɛ nso meyɔ no amemenemfe mu a, ɔyɛ dɛaa asɛmpa he ho asodie da me so.
“Na Nipa Ba he de n’abɔfoɔ bɛba n’Agya animuonyam mu, na obetua nipa biaa ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ.
sɛnea ɔbɛyɛ a nnipa onnhu sɛ woodi abuada gye sɛ w’Agya a ɔya kokoam he; na w’Agya a ohu kokoam he betua wo ka.
Gaio a ɔyɛ me ne asafo he nyinaa fiewura nso kyea ho. Erasto, kurom ha sikakorafoɔ, ne yɛ nua beema Kwarto nso kyea ho.
Na wo deɛ, sɛ woobɔ mpaeɛ a, kɔhyɛ wo dane mu na to wo ho pono mu na bɔ mpaeɛ kyerɛ w’Agya a ɔya kokoam he; na w’Agya a ohu kokoam he betua wo ka.
Afei berɛ a yɛbɔɔ ɔne ne fiefoɔ asu he, ɔde nkotosrɛ kaa sɛ, “Sɛ hoahu me sɛ nɔkwafoɔ ama Awurade a, hommɛtena me fie.” Na ɔkaeɛaa ma yɛkɔɔ ne fie.
saa nti w’adɔeɛ he bɛyɛ kokoam adeɛ; na w’Agya a ohu kokoam he betua wo ka (badwam).
“Honhwɛ yie na hoannyɔ ho tenenee nnipa anim sɛ bebehu ho; sɛ hoyɔ saa a hoonnya akatua ho Agya a ɔya soro he hɔ.
Na biaa a obisa he, ne nsa ka, na biaa a ɔhwehwɛ he, ohu, na biaa a obom he bebie pono he ma no.
Hɔ ne bɛ so bɛbɛka sɛ, ‘Awurade, da bɛ na yehuu sɛ kɔm de wo anaa sukɔm de wo, anaa woyɛɛ hɔhoɔ anaa wodaa adagya anaa woyareɛ anaa wokɔdaa afiase, na yɛannyɔ wo yie?’
Na obebua bɛ sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛdeɛ hoannyɔ amma nkumaa yi mu baako he, saa ne hoannyɔ amma me nso.’