Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 10:3 - Apam Foforɔ

3 Filipo ne Bartolomeo; Toma ne Mateo a na ɔyɛ togyeni; Alfeo ba Yakobo, ne Tadeo;

Gade chapit la Kopi




Mateo 10:3
30 Referans Kwoze  

Na beduruu hɔ he, bɛforo kɔɔ abrosane so kowuraa dane bi a na Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda te mu he mu.


ne Andreo, ne Filipo, ne Bartolomeo, ne Mateo, ne Toma, ne Afeos ba Yakubu, ne Tadeo, ɔne Kanani Simon,


Na ɔnam he, ohuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte togyebea, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Di m’akyi.” Na ɔsɔre dii n’akyi.


Na Yesu nam he, ohuu beema bi a bɛfrɛ no Mateo sɛ ɔte togyebea, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Di m’akyi.” Na ɔsɔre dii n’akyi.


Na Simon Petro, Toma a bɛfrɛ no Ata, Natanael a ofiri Kana a ɔya Galilea, Sebedeo mma mmeema he ne asuafoɔ he mu mmienu nso ya hɔ.


Toma a na bɛfrɛ no Ata he ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ he sɛ, “Homma yɛ nso yɛnkɔ na yɛ ne no nkowu.”


Yesu Kristo akoa Yuda a ɔyɛ Yakobo nua twerɛ krataa yi de kɔma bɛ a bɛafrɛ bɛ a Agya Nyankopɔn dɔ bɛ na bɛakora bɛ ama Yesu Kristo he.


Yakobo, Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, twerɛ krataa yi de kɔma abusuakuo dummienu a bɛabɔ ahwete he de nkyea mma bɛ nyinaa.


na berɛ a Yakobo ne Kefa ne Yohane a bebu bɛ sɛ asafo he akannifoɔ he huu adom a manya he, bɛde bɛ nsa nifa too me ne Barnaba nsam kyerɛɛ ayɔnkofa a ɔda yɛ ntam, na bɛpenee so sɛ yɛnkɔ Amanamane mufoɔ bɛ mu na bɛ nso bɛnkɔ twetiatwafoɔ he mu.


nso manhu asomafoɔ biaa gye sɛ Awurade nua Yakobo nkoaa.


Adeɛ kyeeɛ he, Paulo ne yɛ kɔsraa Yakobo, na yɛkɔtoo mpanyimfoɔ he nyinaa nso hɔ.


Na ɔde ne nsa yɔɔ nsɛnkyerɛnee kyerɛɛ bɛ sɛ bɛnyɛ dinn. Na ɔkyerɛɛ bɛ kwane a Awurade nam so yii no firii afiase hɔ. Na ɔkaa bio nso sɛ, “Honkɔka yei nkyerɛ Yakobo ne agyidifoɔ he.” Na ofirii hɔ kɔɔ baabi foforɔ.


Yeinom akyi he, Yesu firii adi kohuu sɛ togyeni bi a bɛfrɛ no Lewi te togyebea, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bedi m’akyi.”


Na bɛkasa wieeɛ he, Yakobo buaa sɛ, “Anuanom, hontie me.”


Yuda (ɔnyɛ Iskariot) bisaa no sɛ, “Awurade ɔyɛɛ dɛ na wobeyi wo ho akyerɛ yɛ yi, na ɔnyɛ wiase?”


Yesu bisaa no sɛ, “Filipo, me ne hoya hɔ dadaada yi, honhuu me anaa? Biaa a w’ahu me he ahu Agya he nso. Afei mmɛ nti ne wooka sɛ, ‘Kyerɛ yɛ Agya he’?


Bɛ mu binom ne Maria Magdalene ne Maria a ɔyɛ Yakobo ne Yosef maame, ne Sebedeo yerɛ.


Sɛ saa nipa he anntie bɛ a, ka kyerɛ asafo he; na sɛ saa nipa he antie asafo he nso a, fa no sɛ bi a ɔnnyɛ gyidini, na mmom togyeni.


Ná mmaa bi nso gyina akyirikyiri ɔɔhwɛ, bemu bi ne Maria Magdalene ne Yakoko a ɔyɛ kumaa ne Yose maame Maria Salome.


“Nnipa mmienu kɔɔ asɔre fie kɔbɔɔ mpaeɛ, na baako yɛ Farisini, na nea ɔka ne ho he yɛ togyeni.


Farisini he sɔre gyinaeɛ, na ofirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ ne tim sɛ, ‘Nyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka he, apoobɔfoɔ, bɛ a bɛntene, awaresɛefoɔ, anaa togyeni yei mpo.


Na togyeni he a ogyina fã nohoa he ampɛ sɛ ɔma n’ani so hwɛ soro mpo, na mmom ɔde ne nsa guu ne koko so kaa sɛ, ‘Nyankopɔn, hu me debɔneyɛni mmɔbɔ.’


Na beema bi ya hɔ a ne dini de Sakeo; na ɔyɛ togyeni panyini a ɔyɛ defoɔ.


Natanael bisaa no sɛ, “Wonim me he?” Yesu buaa sɛ, “Mehuu wo sɛ woya borɔdoma dua he ase ansa na Filipo ɔɔfrɛ wo mpo.”


Toma bisaa no sɛ, “Awurade, yennim baabi a wookɔ, na ɔbɛyɛ dɛ na yɛatumi ahu kwane he?”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite