Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 10:22 - Apam Foforɔ

22 na me dini nti nnipa nyinaa bɛtane ho. Na nea obegyina akosi awieeɛ he, ɔno ne bɛbɛgye no nkwa.

Gade chapit la Kopi




Mateo 10:22
30 Referans Kwoze  

Na nipa a obegyina akosi awieeɛ he deɛ, bɛbɛgye no nkwa.


Nhyira ne nipa a ɔto ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ otumi gyina sɔhwɛ berɛ he mu a, obenya nkwa abotire a Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma bɛ a bɛdɔ no he.


Nsuro haw a ɔɔbɛto wo he. Tie, bɛde ho mu bi bɛto afiase na Bronsam nam so asɔ ho ahwɛ. Na ho haw he bedi dadu. Di nɔkorɛ ma me kosi wuo mu mpo, na mɛma wo nkwa abotire.


Na me dini nti nnipa nyinaa bɛtane ho. Nso nea obegyina akosi awieeɛ he ne benya nkwa.


Deɛ ne nsa aka ne kra he, obefiri ne nsa, na bɛ a me nti bɛbɛhwere bɛ kra he bɛ nsa bɛka.


Nti anuanom, sɛ wiasefoɔ tane ho a, hommma ɔnnyɛ ho nwanwa.


“Saa mmerɛ he bebeyi ho ama sɛ bɛmfa homfa ahohiahia mu, na bɛaku ho, na me dini nti amane nyinaa bɛtane ho.


bɛ a bɛde ntoboaseɛ yɔ papa hwehwɛ animuonyam ne anidie ne nea ɔmporɔ he, ɔbɛma bɛ daa nkwa;


Na yɛpɛ sɛ ho mu biaa da mmɔdemmɔ korɔ he adi sɛdeɛ ɔbɛyɛ a hobenya anidasoɔ mu ahotɔsoɔ akosi awieeɛ,


Mede w’asɛm ama bɛ, na wiase atane bɛ efiri sɛ bɛnyɛ wiase deɛ sɛnea me nso menyɛ wiase deɛ he.


Nti hommma yɛmmerɛ papayɔ mu, na sɛ yɛampa aba a, yɛbɛtwa so aba ne berɛ mu.


“Nhyira ne ho sɛ nnipa tane ho, na beyi ho firi nnipa mu, na bɛbɔ ho ahohora, na Nipa Ba he nti, bɛmmɔ ho dini nka asɛm te sɛnea ho dini yɛ akyiwadeɛ.


Na yɛte ase yi, beyi yɛ ma wuo dabiaa ɔnam Kristo nti, na ama Kristo wuo he ada adi yɛ honam a obewu he mu.


Nhyira ne ho sɛ nnipa ka nsɛm gu ho so, na bɛtaa ho na bɛka nsɛmmɔne bebree fa ho ho, na me nti bedi torɔ gu ho so.


“Ma nea ɔwɔ aso he ntie nea Honhom he ka kyerɛ asafo ahodoɔ he. “Na nea odi nkunim he, mɛma no mana a ahinta he bi. Afei mɛma no boɔ fitaa a bɛatwerɛ dini foforɔ so a biaa nnim, gye nipa a bɛde bɛma no he nko.”


Wiase nni nnyinasoɔ biaa de tane ho, na me deɛ ɔtane me, efiri sɛ medi ne ho adanseɛ sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.


Nea oguu asaase pa mu he, yɛ bɛ a bɛde akoma pa tie asɛm he wie a, bekura mu na bɛde boasetɔ so aba.


Mɛma nkunimdifoɔ he atena m’ahennwa he so sɛnea madi nkunim nti mete m’Agya ahennwa so seesei he.


Nea ɔwɔ aso he ntie nea Honhom he ka kyerɛ asafo ahodoɔ he. Bɛ a bɛadi nkunim he, mɛma bɛ akwanya na bɛadi nkwa dua a ɔya Nyankopɔn turo he mu aba he.’


Nso gye sɛ yɛsɔ ahotɔsoɔ a yedii kane nyaeɛ he mu pintinn kosi awieeɛ, ansa na yɛanya kyɛfa Yesu mu ankasa.


“Deɛ odi nkunim na ɔkɔ so yɔ nea mepɛ kosi awieeɛ he, mɛma no amane so tumi,


Na m’ankasa mɛkyerɛ no amaneɛ a otwa sɛ ɔba no so ɔnam me dini nti.”


Wowɔ boasetɔ na me dini nti, woahu amane bebree, na ne nyinaa mu he, wompaa aba.


na me dini nti nnipa nyinaa bɛtane ho.


Sɛ honya boasetɔ a, hobenya ho kra.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite