Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 10:20 - Apam Foforɔ

20 na nyɛ ho ne hobɛkasa, na mmom ɔyɛ ho Agya Honhom ne bɛfa ho mu akasa.

Gade chapit la Kopi




Mateo 10:20
18 Referans Kwoze  

Nso bɛantumi annyina ne nyansa ne Honhom a ɔde kasaeɛ he ano.


efiri sɛ mɛma ho ano ne nyansa a bɛ a bɛsɔre tia ho nyinaa ntumi nnyina ano anaa bɛmmɔ ngu.


na dɔno heaa mu Honhom Kronkron bɛkyerɛ ho nnoɔma a ɔsɛ sɛ hoka.”


efiri sɛ adiyisɛm biaa nni hɔ a ofiri nipa nyansa mu ne baeɛ, na mmom Honhom Kronkron he ne nam nnipa he so kaa asɛm a ofiri Nyankopɔn nkyɛne.


Na Petro a Honhom Kronkron he ahyɛ no ma he kaa sɛ, “Mane atumfoɔ ne mpanyimfoɔ,


Na Honhom Kronkron bɛhyɛɛ bɛ nyinaa ma ma, na befiri aseɛ sɛ kaa kasa foforɔ, sɛnea Honhom he de maa bɛ sɛ bɛnka.


efiri sɛ hoohwehwɛ nsɛnkyerɛnne sɛ Kristo ne fa me so kasa. Ɔnyɛ mmerɛ ho fam, na mmom ɔwɔ tumi ho mu.


Nyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifoɔ he sɛ, ɔnyɛ bɛ ho ne bɛsomeeɛ na mmom ho ne bɛde nnoɔma a asie na bɛɛka ho asɛm he ɔɔsom ho. Na akyire yiaa bɛada Asɛmpa he adi akyerɛ yɛ nyinaa. Saa Honhom Kronkron he a bɛsoma no firii soro he tumi so ne bɛnam kasa kyerɛɛ bɛ; saa tumi heaa so ne bɛnam kasa kyerɛɛ yɛ nso. Yeinom yɛ nnoɔma bi a abɔfoɔ mpo pɛɛ sɛ behu mu.


Na osiane sɛ na bɛ adwene nhyia nti, befirii aseɛ sɛ bɛɛkɔ, na Paulo de asɛm yi kaa ho sɛ, “Honhom Kronkron faa diyifoɔ Yesaia so kaa no yei kyerɛɛ ho nananom sɛ:


Afei Saulo a na bɛsane frɛ no Paulo a na Honhom Kronkron ahyɛ no ma he hwɛɛ no gyee


Nti, sɛ ho a hoyɛ abɔnefoɔ mpo nim sɛnea hode akyɛdeɛ pa ma ho mma a, mprɛ dodoɔ sɛ ne ho Agya a ɔya soro he mfa Honhom Kronkron mma bɛ a bebisa no?”


Dawid heaa nam Honhom Kronkron so paem kaa sɛ, ‘Awurade ka kyerɛɛ m’Awurade sɛ, “Tena me nsa nifa so, kosi sɛ mede w’atamfoɔ bɛhyɛ wo nane ase.” ’


Na ɔyɛ amanamane mufoɔ ne bɛpre yeinom nyinaa ho; na nɔkorɛ, ho Agya a ɔya soro he nim sɛ hohia yeinom nyinaa.


Yei nti yɛda Nyankopɔn ase daa, sɛ hogyee Nyankopɔn asɛmpa a hote firi yɛ hɔ he, hoannye no sɛ nipa asɛm, na mmom hogyee no sɛdeɛ ɔteɛ ankasa, Nyankopɔn asɛm mapa a ɔɔyɔ adwuma ho agyidifoɔ ho mu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite