Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 10:2 - Apam Foforɔ

2 Asomafoɔ dummienu he bɛ dini di: deɛ odi kane ne, Simon a bɛsane frɛ no Petro; bɛ a ne bɛka ho ne ɔnoaa ne nua Andrea; Sebedeo ba Yakobo, ɔne ne nua Yohane;

Gade chapit la Kopi




Mateo 10:2
44 Referans Kwoze  

Na beduruu hɔ he, bɛforo kɔɔ abrosane so kowuraa dane bi a na Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda te mu he mu.


Na ofirii hɔ he, ohuu anuanom mmienu bi, Yakobo, Sebedeo ba ne ne nua Yohane, sɛ bɛ ne bɛ papa Sebedeo te kodoɔ mu a beesiesie bɛ asau, na ɔfrɛɛ bɛ.


Filipo kɔka kyerɛɛ Andreo, na Andreo ne Filipo kɔka kyerɛɛ Yesu.


Na asuafoɔ he mu baako, Andrea, Simon Petro nua beema, ka kyerɛɛ no sɛ,


na Sebedeo mma Yakobo ne Yohane, a bɛyɛ Simon yɔnko adwumayɔfoɔ he nso ho dwirii bɛ. Nso Yesu ka kyerɛɛ Simon sɛ, “Nsuro, efiri saa berɛ yi ɔɔkɔ yi, wobeyi nnipa.”


Na Yesu nam Galilea po ho he, ohuu anuanom mmienu, Simon, a bɛfrɛ no Petro, ɔne ne nua Andrea, sɛ beegu asau po he mu—efiri sɛ na bɛyɛ apofofoɔ.


Yei nti na Nyankopɔn nyansa nso kaa sɛ, ‘Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ akɔ bɛ nkyɛne, na bebeku bɛ mu binom ataa binom.


Me, Yohane, ho nua a me ne ho bom Yesu mu hunu amane n’ahennie ne ne boasetɔ mu, na meya supɔ Patmo so, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti.


Me, Asafo Panyini, twerɛ krataa yi de kɔma Awuraa a bɛayi no ne ne mma a medɔ bɛ nɔkorɛ he mu. Ɔnyɛ me nkoaa, na mmom bɛ a benim nɔkorɛ he nyinaa nso dɔ ho,


Simon Petro, Yesu Kristo akoa a ɔsane yɛ ne somafoɔ twerɛ krataa yi de kɔma bɛ a esiane yɛ Nyankopɔn ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo tenenee nti, bɛanya gyidie a ɔte sɛ yɛ deɛ heaa.


Me Petro, Yesu Kristo somafoɔ, twerɛ saa krataa yi de kɔma Nyankopɔn nnipa a bɛayi bɛ a bɛahwete sɛ ahɔhoɔ kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia amantam mu he.


Nti, me nuanom ahoteefoɔ a ho nso hoanya soro frɛ he, honhu sɛ Yesu ne yɛ yɛ gyidie he mu Somafoɔ ne Sɔfo panyini.


Akyɛdeɛ a ɔde maa yɛ he bi ne sɛ waama binom ayɛ asomafoɔ, binom nkɔmhyɛfoɔ, binom asɛmpakafoɔ, binom ahwɛfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ,


Afei oyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo, ɔne asomafoɔ henom.


Ɔmaa bɛde sekane kuu Yohane nua Yakobo.


Da koro bi, ɔɔkɔ bɔ awia nnɔn mmeɛnsa, mpaebɔ berɛ he, Petro ne Yohane siim sɛ bɛɛkɔ asɔrefie.


Na bɛtwee bɛ so ntonto; na ntonto he bɔɔ Matia, na bɛde no kaa asomafoɔ dubaako he ho.


Yei ne suani a oodi nnoɔma yi ho adanseɛ na watwerɛ yeinom, na yenim sɛ adanseɛ a odi he yɛ nɔkorɛ.


Petro danee ne ho he, ohuu suani a Yesu dɔ no he sɛ odi n’akyi, nea na ɔtweree Yesu kokom adidie he ase a obisaa sɛ, “Awurade, hwane ne beyi wo ama he.”


Na Simon Petro, Toma a bɛfrɛ no Ata, Natanael a ofiri Kana a ɔya Galilea, Sebedeo mma mmeema he ne asuafoɔ he mu mmienu nso ya hɔ.


Nti ɔde mmirika kɔɔ Petro ne suani foforɔ a Awurade pɛ n’asɛm he nkyɛne kɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bɛafa Awurade afiri nna he mu, na yennim baabi a bɛde no akɔto.”


Na asuafoɔ he mu baako a Yesu dɔ no he twere Yesu kokom


Berɛ he duruiɛ he, ɔkɔtenaa didipono ho a na asomafoɔ he ka ne ho.


Nti Yesu somaa Petro ne Yohane ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔ na honkosiesie Twam aduane he mma yemmedi.”


Na berɛ a asomafoɔ he sane baeɛ he, bɛkaa nnoɔma a bɛayɔ he kyerɛɛ Yesu. Nti ɔne bɛ twee bɛ ho kɔhyɛɛ kokoam baabi, kuro bi a bɛfrɛ no Betsaida mu.


Berɛ a na ɔte Ngo Bepɔ so, faako a ɔne hyiadane he di animhwɛ he, Petro, Yakobo, Yohane ne Andreo bisaa no kokoam sɛ,


Na befirii hyiadane he muaa pɛ, bɛ ne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andreo fie.


Ɔfaa Petro ne Sebedeo mma mmeema mmienu he kaa ne ho, na ɔhyɛɛ aseɛ dii awerɛhoɔ na ne ho yera no.


Afei Sebedeo mma he ne bɛ maame baa Yesu hɔ. Na bɛ maame he buu nkotodwe Yesu anim, na ɔsrɛɛ ne hɔ bibi.


Nnansia akyi he, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane kaa ne ho kɔɔ bepɔ tentene bi so.


Na me, Yohane, mene mehuu nnoɔma yi na meteeɛ. Na meteeɛ na mehuiɛ he, mehwee ase sɛ meekoto asɔre bɔfoɔ a ɔkyerɛɛ me nnoɔma yi.


Saa nwoma yi fa Yesu Kristo adiyisɛm a Nyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nnoɔma a otwa sɛ ɔba ntɛm. Kristo somaa ne bɔfoɔ kɔɔ ne n’akoa Yohane nkyɛne kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no.


Me, Asafo Panyini, metwerɛ krataa yi de kɔma dɔfo Gaio a medɔ no nɔkorɛ mu.


Soro ne ho ahoteefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ, ɔno nti homma ho ani nnye ya ne ho, efiri sɛ Nyankopɔn abu no atɛne ama ho.


Afei asomafoɔ he twaa Yesu ho hyiaeɛ, na bɛkaa nea bɛayɔ ne nea bɛakyerɛkyerɛ nyinaa kyerɛɛ no.


Nti Yesu bisaa dummienu he sɛ, “Ho nso hopɛ sɛ ho kɔ anaa?”


Yesu buaa bɛ sɛ, “Nyɛ mene maayi ho nnipa dummienu yi? Nso ho mu baako yɛ bronsam.”


Na ɔɔka Yuda Iskariot, Simon ba he ho asɛm. Ewom sɛ na ɔyɛ dummienu he mu baako deɛ, nso na oobeyi Yesu ama.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite