Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 10:19 - Apam Foforɔ

19 Sɛ beyi ho mma a, honnwene sɛnea hobɛkasa anaa deɛ hobɛka; efiri sɛ bɛde deɛ hobɛka he bɛma ho saa berɛ heaa mu;

Gade chapit la Kopi




Mateo 10:19
20 Referans Kwoze  

Nso Awurade gyinaa m’akyi na ɔmaa me ahoɔdene, de kaa asɛmpa he nyinaa sɛ ɔbɛyɛ a amanamane mufoɔ nyinaa bɛte. Nti oyii me firii gyata anum.


Na sɛ bɛde ho kɔ hyia adane mu, mpanyimfoɔ ne atumfoɔ anim a, honnwennwene nea hode beyi ho ho ano anaa nea hobɛka ho;


Sɛ ho mu bi hia nyansa a, ma no mmisa Nyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ahohora biaa nni mu he, na ɔde bɛma nipa korɔ he.


Ne saa nti honnwennwene sɛ, Mmɛ ne yebedi anaa Mmɛ ne yɛbɛnom anaa Ɛɛne ne yebefira?


Nti meeka akyerɛ ho, honnwennwene ho kra ho, deɛ hobedi anaa deɛ hobɛnom, anaa ho nipadua ho, ɔfa deɛ hobɛhyɛ ho. Nkwa nsom bo nkyɛne aduane, na nipadua nkyɛne ntoma anaa?


Honnnwene hwee nha ho ho, na mmom homfa mpaebɔ ne nkotosrɛ mma ho adesrɛ nnuru Nyankopɔn hɔ bibiaa mu.


Nso bɛantumi annyina ne nyansa ne Honhom a ɔde kasaeɛ he ano.


“Nti honnwene kyena ho, efiri sɛ haw a ɔya kyena mu he, dɔɔso ma kyena heaa. Haw a ɔya da biaa mu he dɔɔso ma da heaa.”


na me nti bɛbɛtwe ho akɔ amradofoɔ ne ahemfo anim, na ayɛ adansedie ama bɛ ne Amanamane mufoɔ.


na dɔno heaa mu Honhom Kronkron bɛkyerɛ ho nnoɔma a ɔsɛ sɛ hoka.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite