18 na me nti bɛbɛtwe ho akɔ amradofoɔ ne ahemfo anim, na ayɛ adansedie ama bɛ ne Amanamane mufoɔ.
“Ho deɛ, honhwɛ ho ho yie, efiri sɛ bebeyi ho ama abadwafoɔ; na bɛbɛhwe ho hyia adane mu; na me nti, hobegyina amradofoɔ ne ahemfo anim, de ayɛ adanseɛ ama bɛ.
Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ na woanka ankyerɛ nipa biaa; afei kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ sɔfo, na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛeɛ he, na ɔnyɛ adansedie mma bɛ.”
Na sɛ bɛka bɛ asɛm he wie a, aboa a obefiri amena donkodonko he mu apie he ne bɛ bɛko. Obedi bɛ so aku bɛ.
Afei ɔtee nsɔano a ɔto so num he ano. Na mehuu bɛ a Nyankopɔn asɛm ne bɛ adanseɛ a bediiɛ nti bɛakuku bɛ he akra, afɔrebokyia he ase.
Me, Yohane, ho nua a me ne ho bom Yesu mu hunu amane n’ahennie ne ne boasetɔ mu, na meya supɔ Patmo so, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti.
Nti mma w’ani nwu yɛ Awurade ho adansedie ne me, a meyɛ deduani he ho, na mmom hu asɛmpa he ho amaneɛ bi sɛdeɛ Nyankopɔn tumi teɛ he,
Honhwɛ ho ho yie bɛ ho, efiri sɛ bɛde ho bɛma badwafoɔ na bɛahwe ho bɛ hyia adane mu;
Sɛ beyi ho mma a, honnwene sɛnea hobɛkasa anaa deɛ hobɛka; efiri sɛ bɛde deɛ hobɛka he bɛma ho saa berɛ heaa mu;