Nso soro ne asaase a ɔya hɔ seesei yi deɛ, bɛnam Nyankopɔn asɛm heaa so ɔɔkora ama gya asɛe no. Bɛɛkora ama da a bebebu nnebɔnyɛfoɔ atɛne na bɛasɛe bɛ he.
Saa da he, bebree bebisa me sɛ, Awurade, Awurade, yɛamfa wo dini anhyɛ nkɔm, na yɛamfa wo dini antutu ahonhommɔne, na yɛamfa wo dini annyɔ tumideɛ pii anaa?
efiri sɛ waayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tim pɔ sɛ ɔnam beema bi a wayi no so bebu wiase atentenee mu, na wanyane no afiri awufoɔ mu de ayɔ nnyinasodeɛ ama nnipa nyinaa.”
hommma yennyae yɛ ho yɛ ho nhyiamu, sɛdeɛ binom agyae bɛ ho bɛ ho nhyiamu he, na mmom homma yɛnhyehyɛ yɛ ho yɛ ho nkurane, ne titire mmerɛ a yehu sɛ Da he abɛne.
Na abɔfoɔ a bɛtraa bɛ tumi, na begyaa bɛ atenaeɛ he, bɛde daa nkɔnsɔnkɔnsɔn agugu bɛ ya sum kabii mu a Nyankopɔn de bɛ asie ɔɔtwɛne da kɛseɛ he atemmuo.
Saa ara ne Sodom ne Gomora ne nkuro a atwa bɛ ho ahyia a bɛyɔɔ sɛ yeinom, de bɛ ho maa adwamammɔfoɔ, na bekodii honam akɔnnɔ akyi a na ɔnyɛ ne kwane so, na bɛde daa gya twee bɛ aso de ayɔ nsɛnnahɔ ama yɛ.