10 hommfa akwantuo bɔtɔ, anaa ntaadeɛ mmienu, anaa mpaboa anaa poma; na mmom adwumayɔni akatua fata no.
Na obuaa bɛ sɛ. “Nea ɔwɔ ntaadeɛ mmienu he mma nea onni bi he baako, na nea ɔwɔ bibi di nso mma deɛ onni bi he bi.”
Sɛ wooba a, fa m’ataadeɛ duruduru a megyaa no Karpo nkyɛne ya Troa ne me nwoma he bra me, ne titire he kokwanwoma he.
Kuro anaa akuraa biaa a hobɛkɔ mu he, hommisa deɛ ɔfata a ɔya hɔ, na hontena hɔ kosi sɛ hobefiri hɔ.
Ɔhyɛɛ bɛ sɛ, bɛmmfa hwee ntu kwane he ka poma ho; bɛmmfa aduane, bɔtɔ; saa ara nso ne bɛmfa sika nhyɛ bɛ abɔsoɔ mu;
na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hommfa hwee ntu kwane he, hommfa poma anaa bɔtɔ, paanoo anaa sika; hommfa ntaadeɛ nhyɛaseɛ mmienu nso.