Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Mateo 1:20 - Apam Foforɔ

20 Nso berɛ a ɔyɔɔ sɛ obetu saa anammɔn he pɛ ne Nyankopɔn bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no daeɛso mu, kaa sɛ, “Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa Maria a ɔyɛ w'asiwa-yerɛ he akɔ wo fie, efiri sɛ, abɔfra a ɔnyem no he firi Honhom Kronkron.

Gade chapit la Kopi




Mateo 1:20
38 Referans Kwoze  

Bɔfoɔ he buaa no sɛ, “Mene Gabriel, Nyankopɔn somfo a wasoma me sɛ me ne wo mmɛkasa na menka nnoɔma yi ho asɛmpa nkyerɛ wo.


Afei kwane a bɛfaa so woo Yesu Kristo di: Berɛ a bɛde ne maame Maria maa Yosef sɛ asiwa, na bennya ntenaa sɛ awarefoɔ he, behuu sɛ Maria afa afuro a ofiri Honhom Kronkron.


Na Herode wuiɛ he, hwɛ, Awurade bɔfoɔ yii ne ho adi daeɛ mu kyerɛɛ Yosef Misraim na ɔka kyerɛɛ no sɛ,


Yosef nso firii Nasaret a ɔya Galilea kɔɔ Yudea, na esiane sɛ ofiri Dawid fie ne Dawid abusua mu nti, ɔkɔɔ Dawid kuro a bɛfrɛ no Betlehem mu


Nso bɔfoɔ he ka kyerɛɛ mmaa he sɛ, “Honnsuro! Na menim sɛ hoohwehwɛ Yesu a bɛbɔɔ no asennua mu he.


Nso ɔtee sɛ Arkelao asi ne papa Herode anane mu oodi adeɛ Yudea he, osuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Na afei, bɛbɔɔ no kɔkɔ daeɛ mu he, ɔkɔɔ Galilea mansinim.


Na nsoromma mu animdifoɔ he firii hɔ he, Nyankopɔn bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre, fa abɔfra he ne ne maame, na honnwane nkɔ Misraim, na hontena hɔ nkosi sɛ mɛka bibi akyerɛ ho bio ɔfa yei ho; efiri sɛ Herode ɔɔpɛ abɔfra he aku no.”


Na bɛbɔɔ bɛ kɔkɔ daeɛ mu sɛ bɛnnsane nkɔ Herode hɔ bio he, bɛfaa kwane foforɔ so kɔɔ bɛ kurom.


Berɛ a na ɔte atemmuo adwa he so he, ne yerɛ soma maa bɛbɛka kyerɛɛ no sɛ, “Nyɔ bibiaa ntia saa beema a onni fɔ yi, na nnɛ maabrɛ papaapa, ɔnam daeɛ bi a m’aso afa ne ho nti.”


Na anadwo he, Awurade bɔfoɔ bi biee afiase apono he de bɛ firii adi kaa sɛ,


Homma yɛ ho nsɛpɛ yɛ na yɛ ani nnye na yɛnhyɛ no animuonyam, efiri sɛ, dwammaa he ayefohyia aduru, na ne yerɛ asiesie ne ho.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite