Na afei na beema bi ya Yerusalem a bɛfrɛ no Simeon a na ɔyɛ nipa tenennee a nyamesuro ya ne mu a ɔɔtwɛne Israel awerɛkyekyerɛ, na Honhom Kronkron ya no so.
efiri sɛ, na Herode suro Yohane, esiane sɛ onim sɛ ɔyɛ teneneeni ne kronkronni, nti ɔbɔɔ ne ho bane. Sɛ otie no a, na waayɛ basaa nso na ɔpɛ sɛ otie no.
Bɛkaa sɛ, “Bɔfoɔ kronkron bi de Nyankopɔn akwankyerɛ maa Konelio, asraafoɔ ha so hwɛfoɔ, teneneeni a osuro Nyankopɔn, a Yudafoɔ nyinaa bɔ no dini pa he sɛ ɔnsoma ma bɛmmɛfa wo mmra ne fie na ontie nea wowɔ ka.”
Adeɛ kyeeɛ he, hyɛne he mu adwumayɔfoɔ he anhu sɛ bɛaduru mpoano. Behuu baabi a po he adidi akɔ asaase he mu a nsuo taa hɔ. Nti bɛyɔɔ bɛ adwene sɛ bɛbɛka hyɛne he akogyina.