Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 9:43 - Apam Foforɔ

43 Sɛ wo nsa to wo sintidua a, twa twene; ɔyɛ ma wo sɛ wode nsa sini bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wode wo nsa mmienu bɛkɔ Gehenna, gya a onnum da he mu,

Gade chapit la Kopi




Marko 9:43
23 Referans Kwoze  

Na ɔbɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nsa benkum so he sɛ, ‘Ho a bɛadome ho, homfiri me so nkɔ daa gya a bɛasiesie ama Bronsam ne n’abɔfoɔ he mu;


Saa nti yɛ nso, esiane sɛ adansefoɔ bebree atwa yɛ ho ahyia yi, homma yɛnto adesoa ne bɔne biaa a ɔkyekyere yɛ na ɔtwe yɛ he ngu, na yɛmfa animia ntu akansie a ɔda yɛ anim he mu mmirika,


Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛ wo bo fu wo nua a, wobedi fɔ atemmuo mu; wodi wo nua atɛm sɛ nipahunu a wobedi fɔ mpanyimfoɔ atitire he asɛniiɛ; na sɛ woka sɛ, ‘Woyɛ kwasea’ a, wobedi fɔ akɔ gya a onnum da mu.


Na bɛ a bɛyɛ Kristo Yesu deɛ he, bɛabɔ honam ne n’akɔnnɔ asennua mu.


Okita ne huhuammoa ne nsam, na ɔbɛpra n’ayuporobea hɔ na woaboaboa n’ayuo ano akogu pata so; nso ntɛ he deɛ, ɔde gya a onnum da bɛhye ne nyinaa.”


na ɔkyerɛkyerɛ yɛ sɛ yɛmpo fi nnoɔma nyinaa ne wiase akɔnnɔ, na yɛmfa adwenemteɛ, ahoteɛ ne nyamesom pa mmɔ yɛ bra saa mmerɛ yi mu,


Saa nti, honto wiase nnoɔma a ɔya ho mu nyinaa ngu koraa: adwamammɔ, afideɛyɔ, sɛ bi ɔɔma n’akɔnnɔ ahyɛ ne so, akɔnnɔ bɔne ne adufudepɛ a ɔyɛ abosonsom.


na sɛ hotena ase sɛnea honam pɛ a, hobewu; nso sɛ hode Honhom he ku honam he a, hobɛtena ase.


Na mmom, sɛ wo to pono a, to nsa frɛ ahiafoɔ, mmubuafoɔ, mpakye, ne anifirafoɔ nso,


Hontwe ho ho mfiri bɔne nyinaa, nnaadaa nyinaa, nyaatwom, anibereɛ ne sɛ hooka nsɛm de agu nnipa ho fi, ho.


na mmom mehyɛ me nipadua he dene na ama matumi ahyɛ me ho so, sɛ ɔbɛyɔ a meeka asɛm akyerɛ binom he, ankɔba sɛ bebeyi me totwene.


Nti akoa he bɛkaa nsɛm yi kyerɛɛ ne wura he. Na fiewura he bo fuiɛ na ɔka kyerɛɛ n’akoa he sɛ, ‘Yɔ ntɛm kɔ kuro he akwane ne mmorɔnoo so kɔfa ahiafoɔ ne mmubuafoɔ ne anifirafoɔ ne mpakye bra.’


Nso sɛdeɛ ɔbɛyɔ na yɛnnto sintidua nti, kɔ po so koto doraa; na adwene a wobedi kane ayi no he bie n’anum a, na wobehu dwetɛ; fa kɔma bɛ sɛ me ne wo toɔ.”


[faako a bɛ a bɛya hɔ he mu nnokommoa nwu na hɔ gya he nnum da.]


Okita ne nhuhusoɔ apampaa ne nsam a ɔde bɛpra n’ayuporobea fitafita, na waboaboa ayuo he ano agu ne pata so, na ntɛ he deɛ, ɔde gya a onnum da bɛhye.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite