37 “Nea ɔgye nkumaa yi mu baako me dini mu he gye me, na nea ɔgye me he, ɔnnyɛ me ne ɔgye me na mmom ɔgye nea ɔsomaa me he nso.”
“Nea otie ho he tie me nso. Na nea obu ho animtia he bu me nso animtia. Afei nso, nea obu me animtia he bu nea ɔsomaa me he nso animtia.”
na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Biaa a ɔbɛgye abɔfra yi me dini mu he, na waagye me nso, na biaa a ɔbɛgye me he, na waagye nea ɔsomaa me he nso. Na nea ɔyɛ ne ho kumaa ya ho nyinaa mu he, ɔno ne bɛyɛ kɛseɛ paa.”
Mene Agya he yɛ baako.”
na ama biaa adi Ba he ni sɛnea bedi Agya he ni heaa. Nea onni Ba he ni he, onni Agya a ɔsomaa no he nso ni.
“Honhwɛ yie na hoammu nketewa yi baako mpo animtia; meeka akyerɛ ho, soro hɔ, bɛ abɔfoɔ hwɛ m’Agya a ɔya soro he anim daa.
Na hene bebua bɛ sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ hoyɔ maa me nuanom nkumaa yi mu baako he, hoayɔ ama me nso.’
Nti nea ɔpo yei he mpo nnipa, na mmom ɔpo Nyankopɔn a ɔde ne Honhom Kronkron ama ho he.
Afei ɔde akwadaa ketewa bi begyinaa bɛ mfimfini; na ɔfaa no sii ne basa so he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ,
Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, nea ɔgye biaa a mesoma no he gye me nso. Saa nso ne nea ɔgye me nso gye nea ɔsomaa me he nso.”