Na Yesu huu sɛ bɛpɛ sɛ bebisa no nea ɔkaeɛ he asekyerɛ he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Asɛm a mekaa sɛ ‘Aaka kakraa bi na honhu me, na bio aaka kakraa bi hobehu me’ he ne hoobisabisa ho ho asekyerɛ yi?”
Nso n’asuafoɔ he ante yeinom ase saa berɛ he; na Nyankopɔn hyɛɛ Yesu animuonyam akyi he ne bɛkae sɛ bɛatwerɛ yeinom afa ne ho, na bɛayɔ nea bɛatwerɛ he nyinaa ama no.
Akyire yi oyii ne ho kyerɛɛ dubaako he berɛ a na bɛte adidi pono ho, na ɔkaa bɛ anim ɔnam gye a bɛannye anni ne bakoma dene nti, efiri sɛ bɛannye bɛ a bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ waasɔre he anni.