Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 9:26 - Apam Foforɔ

26 Na ɔteaam, na soro kaa abeemaa he kɛse paa wieeɛ he honhommɔne he firri ne mu, na ɔyɔɔ sɛnea wawu, nti nnipa he bi kaa sɛ, “Waawu.”

Gade chapit la Kopi




Marko 9:26
8 Referans Kwoze  

Na bɛde abeemaa he braa no. Na honhom he huu no he, ntɛmaa, soro kaa abeemaa he, na ɔhwee fam munimuniɛ, na ahuro betuaa n’ano.


Na honhom fi he maa no senseneeɛ, na ɔde nne kɛseɛ teaam, na ofirii ne mu kɔeɛ.


Nti ho a hote soro homma ho ani nnye. Afei asaase ne po nnue! Efiri sɛ, Bronsam he atoa ho, na ne bo afu efiri sɛ, onim sɛ, ne mmerɛ a aka sua!”


na berɛ biaa a ɔbɛba ne so he, ɔde no hwe fam, na n’ano twa ahuro, na ɔtwerɛ ne sẽ, na wasensene. Na meka kyerɛɛ w’asuafoɔ he sɛ, bentu mfiri ne mu, nso bɛantumi.”


Na amonom hɔaa, Kanaanni baa bi a ofiri mpɔtamu hɔ ba bɛteateam sɛ, “Hu me mmɔbɔ, Awurade, Dawid Ba; honhommɔne ɔɔha me babaa.”


Berɛ a Yesu huu sɛ nnipadɔm bi abom de mmirika ɔɔba he, ɔkaa honhom he anim, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo honhom a womma abeemaa yi ntumi nkasa, na ɔnte asɛm, mehyɛ wo sɛ, firi ne mu firi kɔ, na mankɔhyɛ ne mu bio.”


Na Yesu sɔɔ ne nsa pagyaa no, na otumi gyinaa hɔ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite