Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 9:25 - Apam Foforɔ

25 Berɛ a Yesu huu sɛ nnipadɔm bi abom de mmirika ɔɔba he, ɔkaa honhom he anim, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo honhom a womma abeemaa yi ntumi nkasa, na ɔnte asɛm, mehyɛ wo sɛ, firi ne mu firi kɔ, na mankɔhyɛ ne mu bio.”

Gade chapit la Kopi




Marko 9:25
17 Referans Kwoze  

Ɔkɔɔ so yɔɔ saa nna pii. Na ɔyɛɛ Paulo ahomte ma ɔdanee n’ani ka kyerɛɛ honhom he sɛ, “Mehyɛ wo Yesu Kristo dini mu sɛ firi ne mu firi” Na ofirii ne mu saa dɔno heaa.


Na abeemaa he ɔɔbɛne Yesu he, honhommɔne he ma otwa hwee fam na ɔsensenee dendenndene. Nso Yesu kaa honhom fĩ he anim, na ɔsaa abeemaa he yadeɛ de no maa ne papa.


Na nnipadɔm he nyinaa huu no he, ntɛmaa, bɛ ho dwirii bɛ, na betuu mmirika kɔɔ n’anim kɔkyeaa no.


Na Yesu teatea honhommɔne he, na ofirii ne mu, na abɔfra he nyaa ayaresa saa berɛ heaa.


Nso berɛ a bɔfo-panyini Mikael ne bronsam ɔɔpere Mose amu so a akasakasaa sii bɛ ntam he mpo, bɔfoɔ Mikael anyɔ n’adwene sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛne, na mmom asɛm a ɔkaeɛaa ne sɛ, “Awurade nka w’anim!”


Afei na Yesu ootu honhommɔne afiri mum bi mu. Honhommɔne he firiiɛ he, beema a ɔyɛ mum he kasaeɛ. Na ɔyɛɛ nnipadɔm he nwanwa.


(Na ɔɔhyɛ Honhom fĩ he sɛ omfiri beema he mu. Na waanya no so tumi berɛ tentene di, na bɛtaa de nkɔnsɔnkɔnsɔn ne mpokyerɛ gu no wɛne no, nso ɔtete mpokyerɛ he mu na honhom fĩ he twe no kɔ baabi a biaa nni.)


Na ahonhommɔne nso firii bɛ mu pii mu teateam sɛ, “Wone Nyankopɔn Ba he.” Nso, ɔkaa bɛ anim, na wamma bɛ kwane sɛ bɛnkasa, efiri sɛ na benim no sɛ ɔno ne Kristo he.


Yesu kaa n’anim hyɛɛ no sɛ, “Yɛ komm, na firi ne mu kɔ!” Nti honhommɔne he maa beema he twa hwee bɛ mfimfini, na ofirii ne mu kɔeɛ a wanyɔ beema he hwee.


Na bɛde bi a ɔwɔ honhommɔne a ɔyɛ nifirani na ɔsane yɛ mum braa no; na ɔsaa no yadeɛ, na deɛ na nka ɔyɛ mum he kasaeɛ na ohuu adeɛ.


Ntɛmaa abɔfra he papa teaam sɛ, “Mewɔ gyidie, na baabi a mehia gyidie he boa me!”


Na ɔteaam, na soro kaa abeemaa he kɛse paa wieeɛ he honhommɔne he firri ne mu, na ɔyɔɔ sɛnea wawu, nti nnipa he bi kaa sɛ, “Waawu.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite