Yesu kaa n’anim hyɛɛ no sɛ, “Yɛ komm, na firi ne mu kɔ!” Nti honhommɔne he maa beema he twa hwee bɛ mfimfini, na ofirii ne mu kɔeɛ a wanyɔ beema he hwee.
Hofiri ho agya bronsam hɔ, na hopɛ sɛ hoyɔ ho Agya he apɛdeɛ. Ɔyɛ wudini firi mfitiaseɛ, na wannyina nɔkorɛ he mu efiri sɛ nɔkorɛ nni ne mu. Sɛ odi torɔ a, ofiri ɔno ankasa ne mu ne ba, efiri sɛ ɔyɛ torɔfoɔ ne atorɔ agya.
Na abeemaa he ɔɔbɛne Yesu he, honhommɔne he ma otwa hwee fam na ɔsensenee dendenndene. Nso Yesu kaa honhom fĩ he anim, na ɔsaa abeemaa he yadeɛ de no maa ne papa.
(Na ɔɔhyɛ Honhom fĩ he sɛ omfiri beema he mu. Na waanya no so tumi berɛ tentene di, na bɛtaa de nkɔnsɔnkɔnsɔn ne mpokyerɛ gu no wɛne no, nso ɔtete mpokyerɛ he mu na honhom fĩ he twe no kɔ baabi a biaa nni.)
na berɛ biaa a ɔbɛba ne so he, ɔde no hwe fam, na n’ano twa ahuro, na ɔtwerɛ ne sẽ, na wasensene. Na meka kyerɛɛ w’asuafoɔ he sɛ, bentu mfiri ne mu, nso bɛantumi.”
na hwɛ, honhom bi ba ne so, na ɔteaam prɛko pɛ, na otwa no hwe fam sensene no ma n’ano pu ahuro, na obu fa so, na ɔha no kyɛre paa ansa na wafiri ne so.