Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 9:10 - Apam Foforɔ

10 Nti bɛde asɛm he hyɛɛ bɛ ho. Na beebisabisa nea awufoɔ sɔreeɛ he kyerɛ.

Gade chapit la Kopi




Marko 9:10
15 Referans Kwoze  

Nso Epikurofoɔ ne Stoafoɔ nyansapɛfoɔ bi ne no dii anobaabaeɛ, na binom kaa sɛ, “Mmɛ ne kasatentene wura yi pɛ sɛ ɔkyerɛ koraa yi?” Na binom nso kaa sɛ, “Gyama ɔka ananafoɔ abosom ho asɛm.” (Efiri sɛ, na ɔɔka Yesu ne wusɔreɛ he ho asɛmpa.)


Nso n’asuafoɔ he ante yeinom ase saa berɛ he; na Nyankopɔn hyɛɛ Yesu animuonyam akyi he ne bɛkae sɛ bɛatwerɛ yeinom afa ne ho, na bɛayɔ nea bɛatwerɛ he nyinaa ama no.


Bɛante nea ɔɔka he ase, nso ná besuro sɛ bebebisa no.


Na Petro de no gyinaa nkyɛne na ofirii aseɛ kaa n’anim sɛ, “Awurade! Yei mpare wo. Yei ntumi nto wo da!”


Na afei berɛ a beesiane afiri bepɔ he so asi fam he, ɔhyɛɛ bɛ ketee sɛ bɛnnka nea bɛahu he nkyerɛ biaa kosi sɛ Nipa Ba he benyane afiri awufoɔ mu.


Na afei bebisaa no sɛ, “Mmɛ nti ne atwerɛfoɔ he ka sɛ ɔsɛ sɛ Elia di kane ba?”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite