Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 9:1 - Apam Foforɔ

1 Afei nso ɔtoaa so ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem sɛ, binom gyina ha a bennwu kosi sɛ bebehu sɛ Nyankopɔn ahennie he aba tumi mu.”

Gade chapit la Kopi




Marko 9:1
13 Referans Kwoze  

Nɔkwasɛm, meeka akyerɛ ho sɛ, bɛ a begyina ha yi mu bi ya hɔ a bɛnka wuo nhwɛ da kosi sɛ bebehu Nyankopɔn ahennie he.”


na mmom, yehu Yesu a, ne tebea baa fam kakra sene abɔfoɔ berɛ tiaa bi mu, na seesei deɛ bɛde animuonyam ne anidie abɔ no abotire he, efiri sɛ ohuu wuo mu amane, na ɔnam Nyankopɔn adom so awu ama nnipa nyinaa.


na hoadidi anom me pono so m’ahennie mu, na hoatena nhennwa so abu Israel mmusuakuo dummienu he atɛne.


Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, saa awoɔntoatoasoɔ yi ontwam, gye sɛ yei nyinaa sisi ansa.


“Sɛ Nipa Ba he ba n’animuonyam mu a, na abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a, ɔbɛtena n’animuonyam adwa so.


na meeka akyerɛ ho sɛ, efiri nnɛ ɔɔkɔ yi, mennom bobesa he bio kosi sɛ Nyankopɔn ahennie he bɛba.”


Bio nso, na Honhom Kronkron ayi akyerɛ no sɛ onwu gye sɛ waahu Kristo a ɔyɛ Awurade deɛ he ansa.


Na afei bebehu Nipa Ba he sɛ osiane mununkum mu tumi ne animuonyam kɛseɛ mu.


Na Nipa Ba he ho nsɛnkyerɛnne bɛda adi soro, na asaase so mmusuakuo nyinaa besu, na bebehu ‘Nipa Ba he sɛ ɔde tumi ne animuonyam kɛseɛ nam soro mununkum mu ɔɔba.’


Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, binom gyina ha a, bennwu kosi sɛ bebehu sɛ Nipa Ba he firi n’ahennie mu ɔɔba.”


Nti asɛm yi trɛɛ anuanom he mu sɛ saa suani he onwu; nso Yesu anka sɛ suani he onwu, na mmom ɔkaa sɛ, “Sɛ mepɛ sɛ ɔbɛtena hɔ akosi sɛ mɛba a, ɔfa wo ho bɛ?”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite