Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 8:23 - Apam Foforɔ

23 Ɔsɔɔ nifirani he nsa, na odii n’anim de no firii akuraa he ase; na ɔde ntasuo kaa n’ani, na ɔde ne nsa guu ne so bisaa no sɛ, “Wohu bibi anaa?”

Gade chapit la Kopi




Marko 8:23
12 Referans Kwoze  

Ɔde no firii dɔm he nkyɛne kɔɔ kokoam baabi, na ɔde ne nsateaa hyehyɛɛ n’asum, afei ɔtoo ntasuo guu ne nsateaa so, na ɔde kaa beema kɛtrɛma.


na ɔsrɛɛ no pii sɛ, “Meba baa oowu. Bra na fa wo nsa begu ne so, na ne ho nyɛ no dene, na onya nkwa.”


Saulo sɔre firii fam, na n’ani gu so deɛ, nso na onhu hwee. Nti bɛsosɔɔ ne nsa de no kɔɔ Damasko.


Nti metu wo fo sɛ tɔ sikakɔkɔɔ a bɛabere ho gya mu, firi me nkyɛne sɛnea ɔbɛma woayɛ defoɔ. Afei tɔ ntaadeɛ fitaa hyɛ fa kata w’adagya a ama w’anim agu ase he so. Afei tɔ aniduro sra w’ani so sɛnea wobehu adeɛ.


a ɔnte sɛ apam a me ne bɛ nananom pameɛ he, da he a mesɔɔ bɛ nsa yii bɛ firii Misraim asaase so he; efiri sɛ bɛantena m’apam he mu, ne saa nti na memfa bɛ ho koraa, Awurade ne ɔɔka.


Na beema he hwɛɛ soro kaa sɛ, “Mehu nnipa a bɛnenam hɔ, nso mehu bɛ sɛ nnua.”


Na Yesu gyaa beema he kwane maa ɔkɔɔ ne fie. Na ɔɔkɔ he Yesu ka kyerɛɛ sɛ, “Nkɔ akuraa he ase seesei.”


Na safohene he sɔɔ ne nsa na ɔne no no kɔɔ kokoam baabi. Na obisaa no sɛ, “Ɛɛne ne wowɔ ka kyerɛ me?”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite