Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 8:22 - Apam Foforɔ

22 Na afie bɛbaa Betsaida. Na nnipa binom de nifirani braa no, na bɛsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no.

Gade chapit la Kopi




Marko 8:22
14 Referans Kwoze  

“Korasin due! Betsaida due! Efiri sɛ, sɛ bɛyɔɔ tumideɛ a bɛayɔ no ho mu he, bɛyɔɔ no Tiro ne Sidon a, nka bɛasakra bɛ adwene afira ayitoma de nso apete bɛ tim de akyerɛ bɛ adwensakra dadaada.


Amonom hɔaa, ɔmaa n’asuafoɔ he tenaa kodoɔ he mu dii kane kɔɔ Betsaida fam hɔ baabi ya asuogya, na ɔmaa nkurofoɔ he kɔeɛ.


“Korasin, due! Betsaida, due! Efiri sɛ ahoɔdenneɛ a bɛayɔ no ho mu yi, sɛ bɛyɔɔ no Tiro ne Sidon a, nka bɛsakra bɛ adwene ntɛm so firaa ayitoma de nsõ guguu bɛ tim.


Nti yeinom baa Filipo a na ofiri Betsaida a ɔya Galilea he nkyɛne, na befirii aseɛ srɛɛ no sɛ, “Owura, yɛpɛ sɛ yehu Yesu.”


Na Filipo firi Bɛtesaida, kuro a Andrea ne Petro firi mu he.


Na nnipa binom baeɛ a na mu nnan so bubuani. Na bɛde no braa no.


Yesu sɔɔ ne nsa, na abunu he gyaeɛ, na ɔsɔreeɛ, na ɔyɔɔ no ahɔhoyɛ.


Afei ɔde ne nsa kaa bɛ ani, na ɔkaa sɛ, “Sɛdeɛ ho gyidie teɛ he, ɔnyɔ saa mma ho.”


Na Yesu tenee ne nsa de kaa no, kaa sɛ, “Mepɛ. Wo ho mfiri!” Amonom hɔaa ne kwata he firii ne ho.


Na berɛ a asomafoɔ he sane baeɛ he, bɛkaa nnoɔma a bɛayɔ he kyerɛɛ Yesu. Nti ɔne bɛ twee bɛ ho kɔhyɛɛ kokoam baabi, kuro bi a bɛfrɛ no Betsaida mu.


na bɛsrɛɛ no sɛ ɔma bɛmfa bɛ nsa nka n’ataadeɛ mmuano ano; na bɛ a bɛde bɛ nsa kaeɛ nyinaa nyaa ayaresa koraa.


Esiane sɛ na wasa bebree yadeɛ nti, bɛ a bɛwɔ yadeɛ nyinaa ba bɛkyere ne so sɛ bɛbɛsɔ ne mu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite